Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w81 1/1 kr. 14
  • Bere A Wɔantie Onyankopɔn Afotu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bere A Wɔantie Onyankopɔn Afotu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yɛbɛyɛ Dɛn Akyerɛ sɛ Yɛdɔ Yehowa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Wubetumi Anya Anigye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
  • Mmofra, So Bible Abrabɔ Pa No Ne Ɔkwan A Eye Sen Biara?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Afoforo A Wɔbɛboa Wɔn Ma Wɔasom Onyankopɔn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
w81 1/1 kr. 14

Bere A Wɔantie Onyankopɔn Afotu

Ɔdansefo kumaa bi a wadi bɛyɛ efi mfirihyia 20 kosi 25 ka nea efi Onyankopɔn afotu akyi a wanni mu bae ho asɛm. Ɔkyerɛwee sɛ:

“Meyɛɛ mfomso kɛse bi mfe abien a atwam ni. Me ne aberante bi a onnyee asubɔ a na ɔresua Bible no saa bere no bɔɔ aguaman. Na magye asubɔ. Na mepɛ sɛ onya me ho dɔ. Nanso yɛn nyinaa tõo Yehowa mmara. . . .

“Ɛnnɛ nea metaa ka ne sɛ: Sɛ Meyɛɛ no Sɛɛ a Anka. Sɛ bere a meyɛ abofra no memaa me dɔ ma Yehowa no mu yɛɛ den a anka. Sɛ midii Onyankopɔn apɛde akyi a anka. Sɛ misusuw aniberesɛm a na ade a mereyɛ no yɛ bere a meyɛɛ bɔne no ho a anka. Afei ɛsɛ sɛ mitwa nea madua. . . . Kɔdaanna, awerɛhow a metaa di yɛ Yehowa asɛm so asoɔden a meyɛe ho akatua. . . .

“Me yam a anka mmerante ne mmabaa behu sɛ mpanyimfo no ne Yehowa dɔ wɔn na wɔrempɛ sɛ wobehu sɛ asɛm bɔne bi ato wɔn. Onyankopɔn ahyɛde horow no wɔ hɔ sɛnea ɛbɛyɛ na yɛanya anigye. Bere a obi ayɛ mfomso no ɔrentumi nsakra no. Ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so daa na yɛyere yɛn ho sɛ yebedi ne trenee nnyinasosɛm a ɔdɔ wom no akyi. Anigye a yebenya sɛ mmofra no gyina eyi so. Ɛsɛ sɛ yesusuw daakye ho daa; ɛsɛ sɛ yesusuw yɛne Yehowa abusuabɔ ho. Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛatumi ayɛ saa no ɛsɛ sɛ yɛpaw nneɛma a yɛyɛ no nyansa mu nnɛ, ma ɛne Kyerɛwsɛm mu nnyinasosɛm ahorow hyia. Ɛyɛ asuade a manya wɔ ɔkwan a ɛmfata so. Mewɔ awerɛhyem sɛ afoforo bekwati nnebɔneyɛ nyinaa, de wɔn ho ato Yehowa so.

“Medɔ Yehowa ankasa. Ɛyɛ me yaw sɛ meyɛɛ ne so asoɔden. Nanso masi gyinae sɛ mɛkɔ so abɔ mmɔden sɛ me ne Yehowa benya abusuabɔ a emu yɛ den na ɛtra hɔ daa. Mede ahopere rehwɛ bere a nneɛma nhyehyɛe foforo a Yehowa de bɛma ne nkoa anokwafo sɛ akyɛde no bɛba ma nnipa nyinaa ani agye no kwan. Saa bere no nkutoo na me werɛ befi awerɛhow ne yaw a me bɔne no de aba no.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena