Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wohwɛ Yehowa Wɔ Nea Woyɛ Nyinaa Mu?
BIBIARA a ɛne Onyankopɔn apɛde nhyia ntumi nkɔ so yiye. Wɔ onipa fam no, adwuma bi betumi ayɛ te sɛ nea ɛho bɛba mfaso kɛse daakye. Nanso, awiei koraa no, ɛnkosi baabiara. Enti, ɛsɛ sɛ yesusuw Ɔbɔadeɛ no ho wɔ yɛn dwumadi nyinaa mu.
Dwom 127 twe yɛn adwene kɔ hia a eyi a yɛbɛyɛ ho hia no so kɛse. Yɛkenkan sɛ: “Sɛ Awurade [Yehowa] ansi dan no a, wɔn a wosi yɛ ho adwuma kwa. Sɛ Awurade [Yehowa] anwan kurow no a, ɔwɛmfo si ho pɛ kwa. Ɔkwa ara na mutua ahema sɔre kyɛ asetra di ɔbrɛ aduan. Ɔde saa ara ma ne dɔfo wɔ nna mu.”—Dw. 127:1, 2.
Onipa betumi asi dan. Nanso biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ ɔbɛtra mu adi mu dɛ. Ɔpatuwu, asiane anaa akwanhyia betumi ama ne brɛ nyinaa ayɛ kwa. Kurow bi betumi ayɛ nea awɛmfo wɛn no yiye na wɔbɔ ho ban. Nanso, ebetumi asɛe wɔ akodi mu anaa asasewosow anaa ogya mu. Nnipa betumi asɔre ahemenakye ayɛ adwuma akosi anadwo ansa na watra ase ahome na wadidi. Nanso ebia wɔn adwuma no remfa anigye biara mmrɛ wɔn. Esiane sɛ wɔn adwuma ma wɔbrɛ dodo nti, ebia aduan mpo renyɛ wɔn dɛ. Nanso, nea ebia nnipa a wɔte saa benya afi ɔbrɛ kɛse a ɛte saa mu no, Onyankopɔn somfo nya, a ɔbrɛ kɛse a ɛte saa nka ho. Nna ne ahomegye mu anigye a onya no yɛ akyɛde ankasa a efi Nyankopɔn nkyɛn.
Nea ɛne eyi hyia no, odwontofo no buu nneɛma te sɛ ɔdan a wosi, asomdwoe a ɛba kurow mu ne asetra mu anigye a obi nya no sɛ nhyira a efi Nyankopɔn nkyɛn. Obuu abusua a anigye wom a obi nya nso saa ara, sɛ: “Hwɛ, Awurade [Yehowa] agyapade ne mmabanin, na yafunu mu aba yɛ akatua. Sɛ ɔbran nsam bɛmma te no, sɛ mmeranteberem mmabanin te ne no. Nhyira ne ɔbarima a wɔahyɛ n’agyan kotoku ma, wɔne atamfo di, kurow pon mu a, wɔn ani renwu.”—Dw. 127:3-5.
Wobuu ɔbarima a ɔwoo ne mma bere a ɔno ankasa da so wɔ mmeranteberem ahoɔden no sɛ nea wɔahyira no. Bere a ne mma anyin no, wɔte sɛ bɛmma wɔ ne nsam. Na wotumi bɔ wɔn agya ho ban wɔ n’atamfo anim mmara kwan so. Esiane sɛ nkurow apon ano na kurow mu mpanyimfo dii nsɛm nti, na ɛhɔ na mma ne atamfo no bɛkasa wɔ atemmu mu, na wɔama atamfo no aka wɔn ano atom wɔ atosɛm a wɔka ne adansekurum a wodi no ho.
Esiane sɛ Yehowa nhyira ho hia na dwumadi biara akɔ so yiye nti, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden bɔ yɛn bra wɔ ɔkwan a ɛsɔ n’ani so. Ɛsɛ sɛ yedi nneɛma ho dwuma ma ɛne asɛm a efi honhom mu yi ntease hyia: “Sɛ Awurade [Yehowa] pɛ na yenya nkwa a, yɛbɛyɛ eyi anaa eyi.”—Yak. 4:15.