Yɛ Nhyehyɛe Na Woakɔ “Ɔsoro Dɔ” Ɔmantam Nhyiam No
“YEHOWA ne Ɔsorosoroni No, na ɔma yɛn hann,” sɛnea odwontofo no kae ni, na ɔde kaa ho sɛ: “Momfa nnubaa ntwa afahyɛ asafo no ho nhyia nkodu afɔremuka no mmɛn ho. Me Sorosoroni ne wo, na mɛda wo ase, me Nyankopɔn ne wo, mɛma wo so. Monna Yehowa ase, na oye, na n’adɔe [nokware dɔ] wɔ hɔ daa.”—Dw. 118:27-29, NW.
Wɔ tete hɔ no na fã ahorow a Yehowa nkurɔfo hyɛ no yɛ nea ɛyɛ anigye bere na honhom mu mfaso horow nso wom. Nhyiam horow yi ase na nnipa a wosuro Onyankopɔn no yi Yehowa ayɛ na wɔda no ase wɔ ne nokware dɔ a ɛdɔɔso no nti.
“Ɔsoro Dɔ” ɔmantam nhyiam a wɔde nnanan bɛyɛ no bɛma woanya kwan asusuw Yehowa nnwuma a ɔdɔ wom no ho. Wɔ ɔkwan bɛn so? Denam nhyiam no ase a wobɛkɔ wɔ August ɔsram yi mu no so. Wɔ nkurow bɛn mu?
Tema ne Cape Coast August 7-10, 1980
Oda ne Suhum August 14-17, 1980
Bekwai ne Peki August 21-24, 1980
Tamale ne Bechem August 28-31, 1980