Nkwagye Gyina Onyankopɔn So
SƐ WƆDE toto nnipa dodow a wɔwɔ wiase no ho a, Onyankopɔn nkurɔfo ayɛ wɔn a wɔnnɔɔsõ bere nyinaa. Nanso bere ne bere nyinaa mu no wɔsɔre tia wɔn denneennen. Enti, sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn ahobammɔ a, anka wɔrentumi nkɔ so ntra ase.
Odwontofo Dawid huu eyi. Ne nnwom ahorow no biako mu no ɔkae sɛ: “Sɛ ɛnyɛ Awurade [Yehowa] na ɔwɔ yɛn afa a,—ma Israel nka ɛ: Sɛ ɛnyɛ Awurade [Yehowa] na ɔwɔ yɛn afa, bere a nnipa sɔre hyɛɛ yɛn no a, anka wɔn abufuw dɔ hyɛɛ yɛn no, wɔamemmene yɛn animono, anka nsu amene yɛn, anka asubɔnten abɔ afa yɛn kra so, anka nsu a ɛyɛ ahantan abɔ afa yɛn kra so.” (Dw. 124:1-5) Sɛ Yehowa ammɛboa ne nkurɔfo a, anka ɔsɛe a wɔn atamfo de bɛba wɔn so no yɛ nea wobetumi de atoto asase a emu pae abien wɔ asasewosow mu na ɛmene obiara a ɔwɔ hɔ animono no ho. Anka ɛbɛyɛ te sɛ nsuyiri kɛse a ɛprapra biribiara a ɛwɔ ne kwan mu no nso. Anka asorɔkye a ano yɛ den no menee Israelfo no koraa.
Esiane eyi nti, na ɛfata sɛ wɔda Ɔsorosoroni no ase wo mmoa a ɔde mae no ho. Nea ɛfata no, odwontofo no toaa so de aseda ma maa Israel: “Nhyira ne Awurade [Yehowa] a wamfa yɛn anyɛ hanam amma wɔn sẽ. Yɛn kra aguan sɛ anomaa afi afirisumfo afiri mu, afiri no abu, na yɛn de, yɛaguan. Yɛn boa wo Awurade [Yehowa] a ɔyɛɛ ɔsoro ne asase no din mu.”—Dw. 124:6-8.
Ɔtamfo no, te sɛ aboa a ɔhwehwɛ hanam no, pɛe sɛ ɔmene Israelfo. Nanso Yehowa amma kwan. Ná Israelfo no te sɛ anomaa a wɔakyere no wɔ afiri mu. Mpofirim ara, Yehowa ma wonyaa kwan guanee. Nokwarem no, ɛfata sɛ Onyankopɔn nkurɔfo hwehwɛ mmoa wɔ Yehowa din mu, kyerɛ sɛ, ɛfata sɛ wɔhwehwɛ mmoa fi onii a wɔfrɛ no saa no nkyɛn. Saa onipa yi renni ne nkurɔfo huammɔ da, efisɛ ɔne Ɔbɔadeɛ, Ade Nyinaa so Tumfoɔ.
Sɛ Onyankopɔn nkurɔfo hyia ɔhaw ahorow a emu yɛ den nnɛ a, wobetumi anya awerɛkyekye afi nsɛm a ɛwɔ dwom yi mu no mu. Ebetumi ayɛ sɛnea wɔn nyinaa bewuwu afi asase so. Nanso Yehowa Nyankopɔn remma ɔtamfo no kwan mma ɔntɔre ne nkurɔfo ase. Ogye bɛba ɔkwan biara so.
“Obiara a ogye no di no ani renwu.”—Rom. 10:11.