Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w80 3/1 kr. 3
  • “Yehowa Ayɛ Ade Kɛse”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Yehowa Ayɛ Ade Kɛse”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
w80 3/1 kr. 3

“Yehowa Ayɛ Ade Kɛse”

HWƐ sɛnea “asɛmpa a efi akyirikyiri asase so” yɛ dɛ fɛ! (Mmeb. 25:25) Ɛyɛ anigyesɛm kɛse sɛ yɛn nsa bɛka krataa afi Bangui, Central African Republic, krataa a ne date yɛ October 1, 1979, a wɔde Yehowa Adansefo asafo no a ɛwɔ saa ɔman no mu a wɔde ahyɛ mmara ase a wonim no sɛ “Association Les Témoins de Jéhovah” (wɔ French kasa mu) no krataa a wɔn din wɔ so na akyerɛw. Krataa no de nsɛm yi fii ase sɛ:

“So ɛyɛ nwonwa sɛ mubehu saa fekuw yi nkrataa a wɔn din wɔ so a wɔkyerɛw so no bi anaa? Wiɛ, yɛn ho adwiriw yɛn sɛnea mo nso mo ho adwiriw mo no. Wɔ nokwarem no, efi Yawda anadwofa, September 27, wɔ dɔn a ɛto so asia no mu na Yehowa Adansefo nyinaa a wɔwɔ Central African Republic ha no bɛyɛɛ wɔn a wɔte sɛ nnipa a wɔreso dae bi a ɛyɛ anigye, na nea ahyɛ wɔn ma ne nsɛm a Dwom 126 kyerɛkyerɛɛ mu no. Saa bere no, na wɔbɔɔ din faa ɔman no Radio a wɔ Bangui ha no so sɛ bara a wɔbaraa Yehowa Adansefo wɔ August 19, 1976 no wɔatwa mu. Afei yɛwɔ ho kwan sɛ yɛka asɛm wɔ Central African Republic man no nyinaa mu a obi nhaw yɛn bio.”

Nea ɛka saa asɛm a ɛyɛ anigye yi ho bae ne nniso no mmara a ɔmampanyin Mr. David Dacko, de ne nsa ahyɛ ase a ɛkyerɛ sɛ wɔayi bara a wɔbaraa yɛn no afi hɔ ampa. Mr. Dacko na obesii Ɔhempɔn Bokassa a na kan no ɔyɛ nniso no ti no ananmu wɔ September 20, na ɛsɛ sɛ wɔkamfo no wɔ ade a ɔyɛɛ no ntɛm wɔ Yehowa Adansefo a wɔhyɛ wɔn so a wɔmaa wɔn ɔsom ne ɔkasa mu ahofadi yi nti.

Adansefo no ayɛ wɔn ade dɛn wɔ nniso no adeyɛ a ɛfata yi ho? Amanneɛbɔ a efi Bangui no kɔɔ so kae sɛ:

“Nnamfonom a wɔwɔ ha no de nnam ahyɛ ɔsom adwuma no mu denneennen. Wɔn mu dodow no ara fii adi kɔɔ afie afie adansedi dapɛn yi awiei mu bio. Asafo ahorow a wɔn Ahenni Asa ahorow da so hyɛ wɔn nsa no buei na wɔde baguam ɔkasa ne Ɔwɛn-Aban adesua fii ɔsom dwumadi no ase wɔ Kwasida. Asafo ahorow abiɛsa pɛ a ɛwɔ kuropɔn no mu a wɔn dodow yɛ Adansefo 150 no nyaa nnipa 612 nnɛra. Nnipa no mu pii a wɔnyɛ Yehowa Adansefo no mpo ani agye sɛ wɔayi bara a wɔbaraa wɔn no afi hɔ. Ebinom bisa sɛ . . . dɛn nti na anyamesom ahorow no nyinaa de wɔn ho hyɛɛ kan nniso no nsɛm mu na Yehowa Adansefo nkutoo de wɔamfa wɔn ho anhyɛ wɔn nsɛm mu.”

Ɔman anidan ne ntawtawdi ahorow a mprempren yi ɛkɔ so wɔ Afrika wɔ baabiara a Yehowa Adansefo mfa wɔn ho nhyɛ mu no ama nnipa pii de obu ama wɔn, ne afei nso sodifo no mu binom. Wɔ nea ɛne Kristoman mu anyamesom ahorow a wɔbɔ mmɔden sɛ wobenya sodifo biara a obedi tumi no anim dom, sɛ́ ɔyɛ otirimɔdenfo anaa ɔnte saa no bɔ abira no, Yehowa Adansefo de wodi ɔkwan a wɔatwa ato hɔ ama nokware Kristofo no so katee​—sɛ́ “womfi wi yi ase.” Esiane eyi nti wohu ɔtaa mu amane wɔ aman horow no. Nanso wofi wɔn pɛ mu pene eyi so, sɛnea wɔn Wura, Yesu Kristo a ɔtɔɔ ne bo ase wɔ nneɛma nyinaa mu “wɔ anigye a ɛda n’anim” nti yɛe no.​—Yoh. 15:18-21; Heb. 12:2.

Ɛyɛ Gamaliel, Yerusalem sodifo no mu biako, na otuu ne mfɛfo baguafo no fo faa afeha a edi kan no mu Kristofo no ho sɛ: “Munyi mo ho mfi nnipa yi ho.” (Aso. 5:38) Sɛ́ Central African Republic mampanyin no, Mr. David Dacko adi saa ɔkwan a ɛsɛ ayeyi yi akyi wɔ Yehowa Adansefo Kristofo no ho. Wɔn a wɔdɔ trenee wɔ wiase nyinaa bɛkamfo no wɔ nea wayɛ yi nti. Na yɛwɔ anidaso sɛ Afrika aman horow so sodifo a wɔabara Yehowa Adansefo som adwuma no bedi ne nhwɛso pa no akyi, na wɔama Kristofo a mfomso biara nni wɔn ho no anya ɔsom mu ahofadi na wɔde asom Yehowa Nyankopɔn wɔ ɔkwan a wahyɛ wɔn sɛ wɔnyɛ no no so, sɛnea n’Asɛm a ɛyɛ Bible no ka no.

Wɔ nokwarem no Yehowa Adansefo a wɔwɔ Central Afrika Republic no ani agye sɛ wɔn nso wɔde nsɛm a ɛwɔ Dwom 126:2, 3 no bɛyɛ wɔn nsɛm aka: “Ɛno na ɔserew hyɛɛ yɛn anom ma, na anigye dwom hyɛɛ yɛn tɛkrɛma so ma. Ɛno na wɔkae, amanaman mu sɛ: Awurade ayɛ ade kɛse ama wɔn. Awurade [Yehowa] ayɛ ade kɛse ama yɛn, yɛn ani agye.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena