Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w80 2/1 kr. 8-10
  • Gyidi No Mu A Yebegyina Pintinn Wɔ Mmere A Emu Yɛ Den Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Gyidi No Mu A Yebegyina Pintinn Wɔ Mmere A Emu Yɛ Den Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
w80 2/1 kr. 8-10

Gyidi No Mu A Yebegyina Pintinn Wɔ Mmere A Emu Yɛ Den Mu

NOKWARE Kristofo rehyia ɔtaa wɔ asase so mmeae ahorow, sɛnea na ɛte wɔ afeha a edi kan no mu no. Sɛnea tete Kristofo no gyinaa pintinn wɔ gyidi no mu no, saa ara nso na wɔreyɛ nnɛ. Afe 1978 awiei bere mu na ɔhwɛfo kwantufo bi a ɔyɛ Yehowa Dansefo kyerɛw krataa brɛɛ ɔman a ɔsom wɔ mu no baa dwumadibea no a ɛfa ɔtaa a ano yɛ den a Adansefo a wɔwɔ beae bi rehyia ho. Gyina a wogyina hɔ pintinn no reyɛ Kristofo mudi mu a wokura ho nhwɛso foforo a ɛyɛ nwonwa

Sɛnea ɔhwɛfo kwantufo no amanneɛbɔ no kyerɛ no, wɔn a wɔtaa wɔn no ka kyerɛɛ Adansefo kuw bi sɛ: “Yɛmpɛ sɛ yetie Yesu ho asɛm a moka no bio.” Nanso wɔmaa mmuae sɛ: “Yenhu bɔne bi a ɛwɔ nea Yesu yɛe no mu, enti mfomso bi nni ne ho asɛm ra yɛka no mu.”

Eyi maa mmarima no bo fuwii. Enti wɔhyɛɛ Adansefo no​—anuanom mmarima baasa ne anuanom mmea baanu​—ma wɔde nhoma a wokura nyinaa kɔɔ beae bi a ne tenten bɛyɛ akwansin 3. Ɛhɔ na afei wɔhyew wɔn nhoma no nyinaa. Ɛno akyi bere a wɔde anuanom mmarima no akɔ akyiri kakra no, wofii ase sɛ wɔhwe anuanom mmeae no mu biako​—na ɔyɛ abeawa ketewaa bi mpo​—bere a anuanom mmarima no hwɛ. Bere a wɔdan wɔn ani kyerɛɛ anuanom mmarima no wɔkae sɛ: “Abeawa no kae sɛ mo na mohyɛɛ no ma ɔbɛyɛɛ Ɔdansefo.” Nanso onuawa ketewaa a wɔahwe no awie no tee eyi, na ɔteɛɛm sɛ: “Eyi yɛ atoro!”

Ɛno na afei wɔkyekyeree anuanom mmarima no mu biako nsa hyɛɛ n’akyi na wɔhwee no kosii sɛ ade tɔɔ ne so. Bere a wɔateɛteɛm “Muntiatia Yesu so” akyi no, wɔn a wɔtaa wɔn no hwee onua foforo twaa n’aso biako. Wɔhwee onuabarima no nso denneennen ma ɛyɛɛ sɛnea n’ani biako mpo abɔ. Nanso anuanom mu biara ampow wɔn gyidi wɔ saa ayayade yi nyinaa akyi.

Awiei no, wɔde anuanom kɔɔ asubɔnten bi nkyɛn a adwene a wokura ne sɛ wobesum wɔn agu nsu no mu na nsu no afa wɔn. Bere a wɔrekɔ no na anuanom no bɔɔ mpae denneennen. Afei wɔn a wɔtaa wɔn yi sakraa wɔn adwene na afei wɔde wɔn kɔɔ wɔn afie mu. Wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ ɛnsɛ sɛ wɔkɔ kurow a Ahenni Asa wɔ hɔ no mu ara de akosi asram abiɛsa. Nanso Kwasida a edi hɔ no pɛ na anuanom mmarima yi mu biako kɔɔ nhyiam wɔ saa kurow no mu.

Akyiri no, kuw foforo kyeree saa Adansefo baanum yi ara. Wobisaa wɔn sɛ: “Hena so na mofa bɛn Onyankopɔn” Anuanom mu biako maa mmuae sɛ: “Denam Yesu so.” Nanso wɔn mu biako twaa ne nsɛm no mu kae sɛ: “Denam yɛn tetefo honhom so na yɛbɛn Nyankopɔn.” Wɔn a wɔyɛ wɔn ayayade yi mu biako de kaa ho sɛ: “Enti monnsom mo tetefo no?” Ɔdansefo no ammua, na mmom ogyinaa hɔ komm.

Ɛno akyi pɛ na wɔn a wɔwɔ kuw no mu no anu biako faa dua kɛse bi na ofii ase sɛ ɔde hwe anuanom no. Ɔfoforo nso kɔkaa wɔn ho fii ase sɛ wosi kuturuku bobɔ wɔn de wɔn anan tiatia wɔn. Wɔ bere a ɛsɛ mu no, wɔtwee onuabarima no biako kɔe sɛ wɔrekɔbisa no asɛm. Wɔka kyerɛɛ no sɛ ɔnka ɛfene “Ɔko no nkɔ so” nni wɔn akyi. Esiane sɛ wanyɛ saa nti wɔhwee no bio. Wɔn a wɔyɛ no ayayade yi mu biako kae sɛ: “Dan w’aso biako mu ma yɛn efisɛ Yesu kae sɛ sɛ obi bɔ w’aso benkum mu a dan foforo no nso ma no.”

Onuabarima no tiei na ɔserewee bere a afoforo no di ne ho fɛw. Nanso, ɔbarima a obisaa no sɛ ɔnnan n’aso biako mu no ammɔ no bio, na mmom odii ne ho fɛw kae sɛ: “Woabɔ dam. Afei kɔ!” Nanso ɛno akyi pɛ na afoforo fii ase sɛ wɔde atuo a ekurakura wɔn no bobɔ no sisi no akuturuku na wotu ntia tiatia no, na ɛno akyi no ɔbɛyɛɛ obi a na wapira kɛse.

Bere a wɔantumi amma wannyaa ne gyidi mu no, wɔsan de no kɔɔ kuw a wɔrebisabisa wɔn nsɛm no anim bio. Eyinom kɔɔ so ara bɔɔ mmɔden daadaa no sɛnea ɛbɛyɛ na wagyaa ne gyidi mu. Wɔkae sɛ ɔnka ɛfene: “Ɔko no nkɔ so” no. Wɔkae sɛ: “Ɛyɛ ade ketewaa bi a wobɛyɛ.” Nanso onuabarima no gyinaa hɔ pintinn, a wampene so sɛ obegyaa nsɛm mu de asiesie wɔ ɔhwe a na ɛrekɔ so nyinaa akyi.

Saa bere yi pɛ na onuabarima no yere beduu hɔ. Bere a wohuu nea ɔyɛ no pɛ na mmarima no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛfa ɔbea no so ama ne kunu no aka ɛfene no. Nanso onuawa no gyinaa hɔ pintinn. Saa bere no na ade asa yiye​—na onuabarima no ahu amane da mu no nyinaa​—na ɛno na afei wɔn a wɔtaa wɔn no gyaa wɔn.

Ade kyee pɛ na anuanom no sii gyinae sɛ wɔbɛtwe wɔn ho afi beae a wɔwɔ no komm agyaw wɔn nneɛma nyinaa wɔ wɔn akyi sɛnea ɛbɛyɛ na wɔnntwe adwene mma wɔn so. Wohuu Adansefo afoforo bi, na saa anuanom yi ahwɛ wɔn nuanom a wɔahu amane pii yi so.

Su bɛn na Adansefo a wɔtaa wɔn yi kura? Nea wɔka ne sɛ: ‘Yɛasi yɛn bo, sɛ sɛ ehia mpo a yebewu ama Yehowa din no.’ Na saa pɛpɛɛpɛ na wɔka kyerɛɛ wɔn a wɔtaa wɔn no. Dɛn na afi saa mudi mu a wokura yi mu aba? Ade biako no sɛ, wɔtee sɛ wɔn a wohuu sɛnea wɔhwee wɔn na wɔtɔɔ wɔn bo ase wɔ ayayade a ɛmfata yi mu no mu biako reka sɛ: “Yehowa ne nokware Nyankopɔn no.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena