Wɔkyerɛkyerɛɛ Asɛmpatrɛwfo Munhu Yehowa Sɛ Onipa!
NEA ƆWƐN-ABAN Bible Gilead Sukuu asuafo kuw a ɛto so 66 no kasamafo bi kae ne sɛ, “Nnipa pii abisa sɛ, ‘Dɛn na musuae?” Ogyinaa asa a nnipa 1,952 ayɛ mu ma no anim kenkan kuw no tirimbɔ a ɛda nkate horow a asuafo 26 no nyinaa kura no adi. Ɔkɔɔ so kae sɛ: “Onuawa biako kaa no yiye wɔ ɔkwan a ɛte sɛɛ so: ‘M’ani asɔ Yehowa ho ntease a manya sɛ onipa ne ne mmɔborohunu a oyi no adi kyerɛ nnipa no yiye. Eyi ahyɛ awerɛhyem a mewɔ wɔ ne mu ne afei nso pɛ a ɔpɛ sɛ ɔhwɛ me wɔ tebea biara mu no mu den.’”
Ɔkwan bɛn na wɔafa so anya ‘Yehowa, sɛ onipa no ho ntease a eye?’ Bere a ɔrekasa akyerɛ kuw no nea etwa to no, ɔkyerɛkyerɛfo K. Adams yii mmuae no adi kyerɛɛ n’atiefo no denam nea ɔkae yi so: “Yɛyɛɛ nhyehyɛe fii ase sɛ, sɛ kuw no, yɛn nyinaa besua Bible no. Yedii nkratafa 10 kosi 15 ho dwuma da biara, a mo asuafo no yɛ mpɛɛpɛɛmu na moboa wɔ eyi ho nkɔmmɔbɔ mu. Sɛ yehyia nkyekyem bi a emu yɛ den a, nea yɛyɛ ne sɛ (1) yesusuw nsɛm a ɛka ho asɛm no nyinaa ho, (2) tebea horow a ɛwɔ hɔ bere a wɔrekyerɛw saa asɛm no ne (3) nsɛntitiriw a ɛwɔ nkyekyem no mu no ho ntease. Yɛtaa bisa bere nyinaa sɛ, ‘Dɛn na eyi ka fa Yehowa ne ne su horow no ho kyerɛ yɛn?’ Yehui sɛ ekã biribi fa ne ho kyerɛ yɛn bere nyinaa.”
Yehowa su bɛn na ɛdaa adi bere nyinaa? Ɔkyerɛkyerɛfo Adams kɔɔ so kae sɛ, ‘Ɛyɛ Yehowa adɔeyɛ. Ɛyɛ saa su a “ɛsom bo’ yi na ɛkanyan ahotoso ne awerɛhyem wɔ n’asɔrefo mu, na ɛno na wɔte nka sɛ faako a wɔwɔ ne tebea horow a wɔwɔ ase mfa ho, Yehowa bɛkɔ so ahwɛ wɔn so ara.’—Dw. 36:7.
Nsɛntitiriw a etumi fi Yehowa a wohu no sɛ onipa no mu ba ne obu ankasa a wonya ma ne tumidi. Nea ɛka eyi ho ne obu a ɔdɔ wom a wɔde ma wɔn a wɔde tumi ahyɛ wɔn nsa wɔ Onyankopɔn asafo no mu no. Saa obu yi ho na U. Glass a ogye asuafo ba sukuu no mu no kaa asɛm faa ho. Ɔtwee obiara adwene denam nea ɔkae yi so: “Yɛn nyinaa ahyira yɛn ho so ama Yehowa na yedi n’Asɛm no nokware. Nanso ɛbɛyɛ den ama yɛn nuanom mu binom sɛ wɔbɛpene tumi a Onyankopɔn de ama nnipa a wɔnyɛ pɛ wɔ asafo no mu no so.”
Ɛnde dɛn na ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn su wɔ saa nnipa yi ho? So ɛsɛ sɛ yɛyɛ nnipa akyidifo? Afei Glass twee adwene kɔɔ Hebrifo 13:7 so na ɔkyerɛe sɛ bere a woasusuw saa nkurɔfo yi abrabɔ ho no, wɔn gyidi na ɛsɛ sɛ yesuasua. Sɛ yesusuw ho sɛɛ a ɔdɔ nso ka ho a, yebetumi akura obu a ɛho hia ma tumidi no mu. Wɔsɔɔ onipa a odi kan no hwɛe wɔ eyi mu, na nea ebetumi aka sɔhwɛ a ɛbɛba adesamma so wɔ awiei wɔ Kristo mfirihyia 1,000 nniso no akyi no ho ne su a obi wɔ ma tumidi.—Adi. 20:1-10.
Malaki ti 3 ho nkɔmmɔbɔ kɛse nso dii hɔ bae wɔ nhyehyɛe no so. Ɔkasafo C. Barber bɔɔ kɔkɔ sɛ adwene a ɛnteɛ a wobenya betumi aba, sɛnea na ɛte wɔ Malaki nna mu no, efisɛ nnipa no mu binom kae sɛ: ‘Mfaso biara nni Onyankopɔn a wɔbɛsom no ne ne mmara so a wobedi no so.’ (Nky. 14) Nanso eyi nyɛ nokware koraa! Wɔn a wonim Yehowa sɛ onipa no ani gye wɔ amanaman ntam onuayɛ ne fekuwbɔ a wonya mu anigye no mu ne afei nso honhom mu nhyira pii a Onyankopɔn de ama wɔn ma abu so no mu. (Nky. 10) Esiane sɛ saa nkurɔfo yi de wɔn honhom mu nnwuma pa ho afɔrebɔde ahorow no nyinaa ba Yehowa asɔrefi no mu nti, wɔbɛyɛ ‘n’ankasa ade’ anaasɛ “dwetire” bi. (Mal. 3:16, 17) Nea edii ɔkasa ahorow ason no awiei bae ne sukuu no titrani no asɛm a ɔde too atiefo no anim a ɛfa ɔhaw horow ason a wɔabɔ din wɔ Adiyisɛm atiri 15 ne 16 no mmamu no ho. Ɔkyerɛɛ dwumadi kɛse a wɔn a wɔwɔ asase so anidaso wɔ daakye no adi wɔ nsɛm a ɛtete sɛ ɔhaw a wɔahwie agu no mu.
Saa anuanom a wɔawie adesua a wɔde wɔn rekɔ aman horow 12 so no nyɛ afoforo koraa. Na mmom wɔyɛ wɔn a wɔahu Nyankopɔn mfe pii ni ansa na wɔrewie wɔn adesua no wɔ March 11. Wɔ nokwarem no, Viola Scott yɛ ɔbea a ɔyɛ Kristoni a wɔabɔ no asu bɛboro mfirihyia 20 a atwam ni, ɔbea yi kae sɛ: “Ɛyɛ anisɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne ɔdɔ a yɛwɔ ma ne nkurɔfo na ɛkanyan me ne me kunu ma yɛbaa Gilead.”
Ansa na ɔrebɛyɛ Ɔdansefo no na Michael Molina yɛ ɔsraani a ɔka wimhyɛn a wɔde tow atuo, na ɔtraa wimhyɛn mu dii ako mpɛn 284 wɔ Vietnam. Wanya akokoduru ho abodin ahorow pii. Ɔkae sɛ: “Nnipa na mikum na ɛno ne m’adwuma, na, minim yɛ yiye nso,” Afei de wadan onipa foforo, Kristoni asɛmpatrɛwfo a n’adwuma no de no bɛkɔ Guatemala faako a ɔde ne ho bɛhyɛ nnipa nkwagye mu—eyinom nyinaa fi abusuabɔ a abɛda ɔne Yehowa ntam nti.
Nhyehyɛe a asuafo no yɛe no yɛ anigye yiye na nea ɛka ho ne ɔfã a ɛfa Kyerɛwnsɛm no mu nnwonto ho, ne afei nso Bible mu drama ahorow abien. Enti bere a nhyehyɛe no baa awiei no na wɔn a wɔbaa hɔ no nyinaa ahu sɛnea ɛho hia yiye sɛ wɔpɛɛpɛɛ abusuabɔ a ɛda wɔne Yehowa ntam no mu hwɛ yiye na wotwi bɛn no afei kyɛn bere biara.