DWOM 163
“Anigye Ne Mo Ani”
1. A-w’ra-de Ye-su ky’rɛɛ yɛn kwan.
Yɛa-nya a-ni-gye; yɛa-hu hann.
Wɔ N-go Be-pɔw no so, ɔ-ky’rɛ-ky’rɛɛ yɛn.
O-fii ne ko-mam bɔɔ mpae-ɛ
Na ɔ-yɛɛ nneɛ-ma’a n’A-gya pɛ.
A-hu-mmɔ-b’rɔ nti, ɔ-de bɔ-ne kyɛɛ yɛn.
(NNYESO)
“Mo’a-ni hu a-deɛ nti,
Mo-wɔ a-ni-gye pii.”
N’A-sɛm no a-ma hann a-pue
Na ma-de me ho. Me-wɔ’a-ni-gye!
2. Wia-se mu da-dwen hyɛ yɛn so.
Nan-so yɛ-re-mfa n-haw yɛn ho.
Nea ye-hia nyi-naa, ɔ-ma e-bu yɛn so.
Hwɛ sɛ-nea nhwi-ren ɛ-yɛ fɛ.
Ɛ-yɛ Ye-ho-wa na wa-yɛ.
Mi-nim sɛ ne dɔ nti ɔ-bɛ-hwɛ me nso.
(NNYESO)
“Mo’a-ni hu a-deɛ nti,
Mo-wɔ a-ni-gye pii.”
N’A-sɛm no a-ma hann a-pue
Na ma-de me ho. Me-wɔ’a-ni-gye!
3. Ye-be-si yɛn dan bo-tan so.
Sɛ m-fra-ma bɔ’a, yen-su-ro.
Nyan-ko-pɔn A-sɛm na yɛ-de bɔ yɛn bra.
Ɔ-kwan teaa no so na yɛ-fa.
Ɛ-bɛ-ma yɛa-nya n-hyi-ra.
Ɛ-de yɛn bɛ-kɔ wia-se fo-f’ro no mu.
(NNYESO)
“Mo’a-ni hu a-deɛ nti,
Mo-wɔ a-ni-gye pii.”
N’A-sɛm no a-ma hann a-pue
Na ma-de me ho. Me-wɔ’a-ni-gye!
(Hwɛ Mat. 7:24 nso.)