Sɛnea wubenya adesua ahorow a ɛwɔ nhoma yi mu no so mfaso
Kratafa yi ne nea edi hɔ no bɛma woahu sɛnea nhoma yi te. Fa w’ani fa mu, wuwie a hwɛ VIDEO yi.
ƆFÃ A EDI KAN
Sɛ woresua nhoma yi ansa na nea ɔne wo sua ade no aba a, kenkan ɔfã a edi kan no. Afei nsɛmmisa (A) ne kyerɛwnsɛm (B) a ɛbɛma woahu nsɛntitiriw a ɛwɔ adesua no mu nso, kenkan. Ɛyɛ a hyɛ no nsow sɛ kyerɛwnsɛm no bi wɔ hɔ a yɛahyɛ da aka sɛ monkenkan.
ƆFÃ A ƐTO SO MMIENU
Ɔfã a yɛato din Sua Pii Ka Ho no, sɛ wohwɛ asɛm (D) a ɛwɔ ase pɛɛ no a, wubehu sɛ ɛbɔ nea morebesusuw ho wɔ hɔ no mua. Adesua biara wɔ nsɛmti nketewa (E) a ɛma wuhu nneɛma titiriw a wubesua wɔ saa adesua no mu. Wo ne onii a ɔne wo sua ade no mmom nkenkan kyerɛwnsɛm a ɛwɔ hɔ no, ma nsɛmmisa no ho mmuae, na hwɛ video ahorow no.
VIDEO ne ƆDIO ahorow a ɛwɔ adesua biara mu no bɛboa wo ama woate adesua no ase yiye. Video no bi wɔ hɔ a, nsɛm a asisi wɔ nkurɔfo asetenam na yɛde ayɛ. Ebi nso wɔ hɔ a, ɛnyɛ asɛm bi a esii ankasa nanso ɛyɛ nneɛma a etumi kɔ so wɔ yɛn asetenam no bi na yɛde ayɛ.
Tɔ wo bo ase hwɛ mfoni ahorow no, na kan nsɛm a wɔakyerɛw afa ho no (Ɛ). Afei ɔfã bi wɔ hɔ a yɛato din Ebinom Ka Sɛ (F). Asɛm a ɛwɔ hɔ no, fa no sɛ obi na aka akyerɛ wo anaa wabisa wo, na hwɛ sɛnea anka wubeyi no ano.
ƆFÃ A ETWA TO
Ɔfã a yɛato din Nea Yɛasua ne Ntimu (G) no bɔ adesua no nyinaa mua. Sɛ muwie adesua biara a, bɔ date hyɛ baabi a yɛakyerɛ no. Ɔfã a yɛato din Fa Wei Si W’ani So (H) no bɛma woahu biribi a wubetumi ayɛ ho adwuma. Wohwɛ ɔfã a yɛato din Yɛ Nhwehwɛmu (I) no a, wubenya nsɛm afoforo a wubetumi akenkan anaa video ahorow a wubetumi ahwɛ.
Nea ɛwɔ mu
|
|
|
|
|
Sɛnea wubehu kyerɛwnsɛm ahorow no wɔ wo Bible mu
Nhoma nketewa 66 na ɛka bom yɛ Bible. Bible no wɔ afã mmienu. Ɔfã a edi kan no, wɔato din Hebri ne Aram Kyerɛwnsɛm (“Apam Dedaw”). Ɔfã a ɛto so mmienu no ne Kristofo Greek Kyerɛwnsɛm (“Apam Foforo”).
Kyerɛwnsɛm a ɛwɔ nhoma yi mu no, sei na yɛahyehyɛ no. Bible mu nhoma no din (A) na edi kan. Nɔma a edi so no yɛ nhoma no ti (B), na nɔma a etwa to no yɛ nkyekyɛm (D) no.
Ɛho nhwɛso ni: Wuhu Yohane 17:3 a, ɛkyerɛ Yohane nhoma, ti 17, nkyekyɛm 3.