TI 10
Tumi a Yesu Wɔ Wɔ Ahonhommɔne So
SO WOKAE nea enti a Onyankopɔn abɔfo mu biako bɛyɛɛ Satan Ɔbonsam no?— Ɛyɛ pɛsɛmenkominya akɔnnɔ a onyae a ɛne sɛ ɔpɛ sɛ wɔsom no no na ɛma ɔsɔre tiaa Onyankopɔn. So abɔfo foforo bɛyɛɛ Satan akyidifo?— Yiw, wɔyɛɛ saa. Bible frɛ wɔn ‘Satan abɔfo,’ anaa ahonhommɔne.—Adiyisɛm 12:9.
So abɔfo bɔne yi, anaa ahonhommɔne no gye Onyankopɔn di?— Bible ka sɛ ‘ahonhommɔne no gye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ.’ (Yakobo 2:19) Nanso mprempren wosuro. Nea enti a ɛte saa ne sɛ wonim sɛ Onyankopɔn bɛtwe wɔn aso wɔ nneɛma bɔne a wɔayɛ no ho. Bɔne bɛn na wɔayɛ?—
Bible ka sɛ saa abɔfo yi gyaw wɔn ankasa trabea a eye wɔ ɔsoro hɔnom baa asase so bɛtraa ase sɛ nnipa. Wɔyɛɛ eyi efisɛ na wɔpɛ sɛ wɔne mmea a wɔn ho yɛ fɛ wɔ asase so no nya nna mu nkitahodi. (Genesis 6:1, 2; Yuda 6) Dɛn na wunim fa nna mu nkitahodi ho?—
Nna mu nkitahodi yɛ bere a ɔbarima ne ɔbea hyiam wɔ ɔkwan titiriw bi so. Ɛno akyi no, akokoaa betumi anyin wɔ maame no yafunu mu. Nanso ɛyɛ mfomso sɛ abɔfo benya nna mu nkitahodi. Onyankopɔn pɛ sɛ ɔbarima ne ɔbea a wɔaware nkutoo na wonya nna mu nkitahodi. Saa kwan no so na sɛ wɔwo akokoaa a, okunu ne ɔyere no betumi ahwɛ no.
Nneɛma bɔne bɛn na abɔfo yi yɛe?
Bere a abɔfo danee wɔn ho nnipa na wɔne asase so mmea dae no, wɔn mma no nyinyin bɛyɛɛ abran. Na wɔn tirim yɛɛ den yiye, na na wopira nnipa. Enti Onyankopɔn de nsuyiri kɛse bae bɛsɛee abran no ne nnipa abɔnefo nyinaa. Nanso ɔmaa Noa yɛɛ adaka, anaa ɛhyɛn kɛse bi, de gyee nnipa kakraa bi a wɔyɛɛ nea ɛteɛ nkwa. Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no kae sɛ ehia sɛ yɛkae nea esii wɔ Nsuyiri no mu no.—Genesis 6:3, 4, 13, 14; Luka 17:26, 27.
Bere a Nsuyiri no bae no, so wunim nea ɛtoo abɔfo bɔne no?— Wɔankɔ so amfa honam nipadua a na wɔn ankasa ayɛ no anni dwuma bio, na wɔsan kɔɔ soro. Nanso wɔantumi anyɛ Onyankopɔn abɔfo bio, enti wɔbɛyɛɛ Satan abɔfo, anaa ahonhommɔne. Na dɛn na ɛtoo wɔn mma abran no?— Wowuwui wɔ Nsuyiri no mu. Na saa ara na nnipa abɔnefo a wɔantie Onyankopɔn no nyinaa nso wuwui.
Adɛn nti na ɔhaw pii wɔ asaase so nnɛ sen bere biara?
Efi bere a Nsuyiri no bae akyi no, Onyankopɔn mmaa ahonhommɔne no kwan mma wɔmmɛyɛɛ sɛ nnipa bio. Na ɛwom sɛ yentumi nhu ahonhommɔne no de, nanso wɔda so ara bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma nnipa ayɛ nneɛma bɔne a enye koraa. Wɔreyɛ nneɛma bɔne sen bere biara. Eyi te saa efisɛ wɔatow wɔn afi soro agu asase so.
So wunim nea enti a yentumi nhu ahonhommɔne no?— Efisɛ wɔyɛ ahonhom. Nanso yebetumi agye adi sɛ wɔwɔ hɔ. Bible ka sɛ Satan ‘redaadaa nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa’ na n’ahonhommɔne no reboa no.—Adiyisɛm 12:9, 12.
So Ɔbonsam ne n’ahonhommɔne no betumi adaadaa yɛn nso?— Yiw, sɛ yɛanhwɛ yiye a wobetumi adaadaa yɛn. Nanso ɛnsɛ sɛ yesuro. Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no kae sɛ: ‘Ɔbonsam nni me so tumi.’ Sɛ yɛkɔ so bɛn Onyankopɔn a, ɔbɛbɔ yɛn ho ban afi Ɔbonsam ne n’ahonhommɔne no ho.—Yohane 14:30.
Ehia sɛ yehu nneɛma bɔne a ahonhommɔne bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma yɛayɛ no. Enti susuw ho hwɛ. Nneɛma bɔne bɛn na ahonhommɔne no yɛe bere a wɔbaa asase so no?— Ansa na Nsuyiri no reba no, wɔne mmea nyaa nna mu nkitahodi, biribi a na abɔfo nni ho kwan sɛ wɔyɛ. Ɛnnɛ, sɛ nnipa antie Onyankopɔn mmara a ɛfa nna ho no a, ahonhommɔne no ani gye. Ma mimmisa wo, Henanom nkutoo na ɛsɛ sɛ wonya nna mu nkitahodi?— Woabua no yiye, awarefo nkutoo.
Ɛnnɛ, mmarimaa ne mmeawa binom nya nna mu nkitahodi, nanso ɛyɛ bɔne ma wɔn. Bible no kyerɛ sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ ɔbarima ne ɔbea awode. (Leviticus 15:1-3) Yehowa bɔɔ akwaa ahorow yi maa atirimpɔw titiriw bi a ɛsɛ sɛ awarefo nkutoo na wɔde di dwuma. Sɛ nnipa yɛ nneɛma a Yehowa abara a, ɛma ahonhommɔne no ani gye. Sɛ nhwɛso no, sɛ abarimaa ne abeawa de wɔn awode di agoru a, ahonhommɔne no pɛ. Yɛmpɛ sɛ ahonhommɔne no ani gye, so yɛpɛ saa?—
Biribi foforo nso wɔ hɔ a ahonhommɔne no ani gye ho nanso Yehowa kyi. So wunim ade ko?— Basabasayɛ. (Dwom 11:5) Basabasayɛ yɛ bere a nnipa di atirimɔdensɛm na wopira afoforo no. Kae sɛ, ɛno na abran no, ahonhommɔne mma no yɛe.
Ahonhommɔne no ani gye ho sɛ wobehunahuna nnipa nso. Ɛtɔ mmere bi a wɔyɛ wɔn ho te sɛ nnipa a wɔawuwu. Ebia wobesuasua wɔn a wɔawuwu no nne mpo. Wɔ ɔkwan a ɛte saa so no ahonhommɔne no daadaa nnipa pii ma wogye di sɛ nnipa a wɔawuwu no te ase na wobetumi ne ateasefo akasa. Yiw, ahonhommɔne ma nnipa pii gye di sɛ nsamanfo wɔ hɔ.
Enti ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ na Satan ne n’ahonhommɔne no annaadaa yɛn. Bible bɔ kɔkɔ sɛ: ‘Satan bɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ ne ho sɛ ɔbɔfo pa, na n’asomfo nso yɛ saa ara.’ (2 Korintofo 11:14, 15) Nanso, nokwarem no, ahonhommɔne no nye. Ma yɛnhwɛ ɔkwan a ebia wɔnam so bɔ mmɔden sɛ wɔbɛma yɛayɛ sɛ wɔn no.
Ɛhe na nkurɔfo sua basabasayɛ ne nna mu nneyɛe a ɛmfata ne ahonhom abɔde, ne nsamanfo ho ade fi?— Ɛnyɛ television ne sini ahorow bi a wɔhwɛ, kɔmputa ne video agodie ahorow, Intanɛt so a wɔkɔ, ne aseresɛm nhoma a wɔkenkan mu? So eyinom a yɛbɛyɛ no twe yɛn bɛn Onyankopɔn anaa Ɔbonsam ne n’ahonhommɔne no? Wususuw ho dɛn?—
Sɛ yɛhwɛ biribi a awudisɛm wom a, dɛn na ebetumi afi mu aba?
Hena na wususuw sɛ ɔpɛ sɛ yetie na yɛhwɛ nneɛma bɔne?— Ɛyɛ Satan ne n’ahonhommɔne no. Enti dɛn na ɛsɛ sɛ me ne wo yɛ?— Ehia sɛ yɛkenkan, yetie, na yɛhwɛ nneɛma a ɛso wɔ mfaso a ɛbɛboa yɛn ma yɛasom Yehowa. So wubetumi adwennwen nneɛma pa a yebetumi ayɛ no bi ho?—
Nneɛma pa bɛn na yebetumi ayɛ?
Sɛ yɛyɛ nneɛma pa a, ɛnsɛ sɛ yesuro ahonhommɔne. Yesu ho yɛ den sen wɔn, na wosuro no. Da bi ahonhommɔne no teɛɛm kyerɛɛ Yesu sɛ: “Wobae sɛ wobɛsɛe yɛn?” (Marko 1:24) Sɛ bere du sɛ Yesu bɛsɛe Satan ne n’ahonhommɔne no a, so yɛn ani rennye?— Enkosi saa bere no, sɛ yɛbɛn Yesu ne ne soro Agya no a, yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yesu bɛbɔ yɛn ho ban afi ahonhommɔne ho.
Ma yɛnkenkan nea ehia sɛ yɛyɛ wɔ 1 Petro 5:8, 9 ne Yakobo 4:7, 8.