Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • lr ti 1 kr. 10-15
  • Nea Enti a Na Yesu Yɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nea Enti a Na Yesu Yɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse
  • Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Hena Ne Yesu Kristo?
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
  • Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No Som Nnipa Foforo
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Muntie Yehowa Nne
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2019
  • Hena Ne Yesu Kristo?
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
Hwɛ Pii Ka Ho
Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
lr ti 1 kr. 10-15

TI 1

Nea Enti a Na Yesu Yɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse

BƐBORO mfe mpem mmienu a abɛsen kɔ no, wɔwoo abofra soronko bi a onyin bɛyɛɛ onipa a ɔsen biara a watena ase pɛn. Ná obiara nni hɔ saa bere no a ɔwɔ wimhyɛn anaa kar. Ná nneɛma bi te sɛ television, kɔmputa, ne Intanɛt nni hɔ.

Wɔtoo abofra no din Yesu. Ɔbɛyɛɛ onipa a onim nyansa sen obiara a watena asaase yi so pɛn. Yesu bɛyɛɛ ɔkyerɛkyerɛfo a ɔsen biara nso. Ná ɔfa kwan bi so kyerɛkyerɛ nneɛma a emu yɛ den mu ma ɛyɛ mmerɛw ma obiara te ase.

Yesu kyerɛkyerɛɛ nkurɔfo wɔ baabiara a ohyiaa wɔn. Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn wɔ mpoano ne po so hyɛn mu. Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn wɔ afie mu ne bere a ɔretu kwan. Ná Yesu nni kar, na wantena bɔs anaa keteke mu antu kwan. Ná Yesu nantew kɔ mmeaemmeae kɔkyerɛkyerɛ nkurɔfo.

Yesua nneɛma pii fi afoforo nkyɛn. Nanso yebetumi asua nneɛma a ɛho hia sen biara ho ade afi Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse, Yesu nkyɛn. Yehu Yesu nsɛm no wɔ Bible mu. Sɛ yɛte saa nsɛm no fi Bible mu a, ɛte sɛ nea Yesu ne yɛn rekasa.

Dɛn nti na na Yesu yɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse saa? Ade baako ne sɛ na wɔakyerɛkyerɛ Yesu ankasa nso. Ná onim hia a ehia sɛ wɔtie asɛm. Nanso hena asɛm na Yesu tiei? Hena na ɔkyerɛkyerɛɛ no?— Ne Papa na ɔkyerɛkyerɛɛ no. Yesu Papa ne Onyankopɔn.

Ansa na Yesu reba asaase so sɛ onipa no, na ɔne Onyankopɔn na ɛte wɔ soro. Enti na Yesu yɛ soronko wɔ nnipa a aka ho efisɛ onipa biara nni hɔ a watena soro pɛn ansa na wɔrewo no wɔ asaase so. Bere a na Yesu wɔ soro no, na ɔyɛ Ɔba pa, na otiee ne Papa asɛm. Enti Yesu tumi de nea na wasua afi Onyankopɔn nkyɛn no kyerɛkyerɛɛ afoforo. Sɛ wutie wo papa ne wo maame asɛm a, wubetumi asuasua Yesu.

Ade baako nti a na Yesu yɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse ne sɛ na ɔdɔ nnipa. Ná ɔpɛ sɛ ɔboa nkurɔfo ma wɔsua Onyankopɔn ho ade. Ná Yesu dɔ mpanyimfo, nanso na ɔdɔ mmofra nso. Ná mmofra nso pɛ sɛ wɔba Yesu nkyɛn efisɛ na ɔkasa kyerɛ wɔn, na na otie wɔn.

Mmofra atwa Yesu ho ahyia

Adɛn nti na na mmofra ani gye sɛ wɔbɛkɔ Yesu nkyɛn?

Da bi, awofo bi de wɔn mma nkumaa baa Yesu nkyɛn. Nanso ne nnamfonom susuwii sɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no nni adagyew a ɔne mmofra nkumaa de bɛkasa. Enti wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔ. Nanso dɛn na Yesu kae?— Yesu kaa sɛ: “Momma mmofra nkumaa no mmra me nkyɛn; na munnsiw wɔn kwan.” Yiw, na Yesu pɛ sɛ mmofra nkumaa no ba ne nkyɛn. Enti, ɛwom sɛ na Yesu yɛ onyansafo ne onipa titiriw de, nanso ogyee bere de kyerɛkyerɛɛ mmofra nkumaa.—Marko 10:13, 14.

Wunim nea enti a Yesu kyerɛkyerɛɛ mmofra ade na otiee wɔn no? Ade baako ne sɛ na ɔpɛ sɛ ɔma wɔn ani gye denam Onyankopɔn, ne soro Agya no, ho asɛm a ɔka kyerɛ wɔn no so. Wobɛyɛ dɛn atumi ama nkurɔfo ani agye?— Denam Onyankopɔn ho ade a woasua a wobɛka akyerɛ wɔn no so.

Da bi, Yesu de abofra kumaa bi yɛɛ nhwɛsode kyerɛkyerɛɛ Ne nnamfo no asuade titiriw bi. Ɔfaa abofra no de no gyinaa N’asuafo a wɔdi N’akyi no mfinimfini. Afei Yesu ka kyerɛɛ saa mpanyimfo no sɛ, ɛsɛ sɛ wɔsesa wɔn akwan na wɔyɛ te sɛ abofra kumaa yi.

Abofra kumaa bi gyina Yesu nkyɛn

Dɛn na mmerante ne mmabaa, ne mpanyimfo nyinaa, betumi asua afi abofra kumaa hɔ?

Bere a Yesu kaa saa no, na ɔkyerɛ dɛn? Wunim sɛnea ɛsɛ sɛ ɔpanyin, anaasɛ abofra a wanyin kakra mpo yɛ n’ade te sɛ abofra kumaa?— Wiɛ, abofra kumaa nnim ade pii sɛ obi a wanyin ma enti ɔwɔ ɔpɛ sɛ obesua ade. Enti na Yesu reka sɛ ɛsɛ sɛ n’asuafo no brɛ wɔn ho ase, te sɛ mmofra nkumaa. Yiw, yɛn nyinaa betumi asua nneɛma pii afi afoforo hɔ. Ná ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa hu sɛ Yesu nkyerɛkyerɛ ho hia sen yɛn ankasa nsusuwii.—Mateo 18:1-5.

Ade foforo nso a ɛmaa Yesu yɛɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse saa ne sɛ na onim sɛnea ɔma nnipa ani gye nneɛma ho. Ɔnam ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw so kyerɛkyerɛɛ nsɛm mu maa emu daa hɔ. Ɔkaa nnomaa ne nhwiren ne nneɛma foforo ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfo sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛte Onyankopɔn asɛm ase.

Da bi a na Yesu wɔ bepɔw bi so no, nnipa pii baa ne nkyɛn. Yesu tenaa ase, na ɔkasa kyerɛɛ wɔn, sɛnea wubetumi ahu wɔ ha no. Wɔfrɛ saa kasa yi Bepɔw So Asɛnka. Ɔkaa sɛ: ‘Monhwɛ wim nnomaa. Wongu aba. Na wɔmmoaboa aduan ano ngu dan mu. Nanso Onyankopɔn a ɔwɔ soro ma wɔn aduan. Mo ho nhia pii nsen wɔn anaa?’

Yesu reka akyerɛ nkurɔfo sɛ, wɔnhwɛ wim nnomaa

Bere a Yesu kaa nnomaa ne nhwiren ho asɛm no, na ɔde rekyerɛ yɛn dɛn?

Yesu san kae sɛ: ‘Monhwɛ nhwiren na munsua biribi. Ɛnyɛ adwuma biara nanso enyin. Na monhwɛ sɛnea ɛyɛ fɛ! Ɔhene Solomon osikani no mpo, wansiesie ne ho amma anyɛ fɛ ansen nhwiren. Enti sɛ Onyankopɔn hwɛ nhwiren a enyin a, so ɔrenhwɛ mo?’—Mateo 6:25-33.

Wote ade a na Yesu rekyerɛ no ase?— Ná ɔmpɛ sɛ yɛhaw yɛn ho wɔ aduan a yebenya adi ne ntaade a yɛbɛhyɛ ho. Onyankopɔn nim sɛ yehia saa nneɛma no nyinaa. Yesu anka sɛ ɛnsɛ sɛ yɛyɛ adwuma nya sika tɔ aduan ne ntaade. Na mmom ɔkae sɛ ɛsɛ sɛ yɛde Onyankopɔn de di kan. Sɛ yɛyɛ saa a, Onyankopɔn bɛhwɛ ama yɛanya aduan a yebedi ne ntaade a yɛbɛhyɛ. Wugye ɛno di?—

Bere a Yesu kasa wiei no, adwene bɛn na nkurɔfo no nyae?— Bible ka sɛ wɔn ho dwiriw wɔn wɔ ɔkwan a ɔfaa so kyerɛkyerɛe no ho. Na ɛyɛ anigye yiye sɛ wubetie no. Nea ɔkae no boaa afoforo ma wɔyɛɛ adetrenee.—Mateo 7:28.

Enti ɛho hia paa sɛ yesuasua Yesu. Wunim ɔkwan a yebetumi afa so ayɛ saa?— Wiɛ, yɛwɔ ne nsɛm no a wɔakyerɛw wɔ nhoma bi mu. Wunim nhoma ko?— Ɛno ne Kyerɛw Kronkron Bible no. Wei kyerɛ sɛ yebetumi atie Yesu denam aso a yɛbɛyɛ atie nneɛma a yɛkan fi Bible mu no so. Nokwarem no, anigyesɛm bi wɔ Bible mu a ɛfa sɛnea Onyankopɔn ankasa ka kyerɛɛ yɛn sɛ yentie Yesu no ho. Momma yɛnhwɛ nea esii no.

Da bi, Yesu de ne nnamfo no mu mmiɛnsa kɔɔ bepɔw tenten bi so. Wɔn din de Yakobo, Yohane, ne Petro. Yebesua saa mmarima yi ho nsɛm pii akyiri yi, efisɛ na wɔn mmiɛnsa nyinaa yɛ Yesu nnamfo a wɔbɛn no paa. Nanso wɔ saa bere titiriw yi mu de, Yesu anim fii ase hyerɛnee. Na n’ataade hyerɛnee sɛ kanea, sɛnea wubetumi ahu wɔ ha no.

Yesu asakra ne ho wɔ Petro, Yakobo, ne Yohane anim

“Oyi ne me Ba . . . Muntie no”

Ɛno akyi no, Yesu ne ne nnamfo no tee nne bi fii soro. Ɛkaa sɛ: “Oyi ne me Ba, nea medɔ no a magye no atom. Muntie no” (Mateo 17:1-5) Wunim onii ko a wɔtee ne nne no?— Na ɛyɛ Onyankopɔn nne! Onyankopɔn na ɔkaa sɛ yentie ne Ba no.

Na yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ no nso ɛ? Yɛbɛyɛ osetie ama Onyankopɔn na yɛatie ne Ba a ɔyɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no anaa?— Saa na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa yɛ. Wokae ɔkwan a yebetumi afa so ayɛ saa no?—

Yebetumi atie Onyankopɔn Ba no denam n’asetenam nsɛm a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu a yɛbɛkenkan. Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no wɔ nneɛma a ɛyɛ anigye pii a ɔbɛka ho asɛm akyerɛ yɛn. W’ani begye sɛ wubehu saa nneɛma a wɔakyerɛw wɔ Bible mu no. Na sɛ woka nneɛma pa a woasua afi Bible mu no ho nsɛm kyerɛ wo nnamfo a, ɛbɛma w’ani agye.

Sɛ wopɛ sɛ wuhu nneɛma pa pii a yebenya afi Yesu a yebetie no no mu a, bue wo Bible no na kenkan Yohane 3:16; 8:28-30; ne Asomafo Nnwuma 4:12.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena