Nnianim Nsɛm
Sɛ wubisa nkurɔfo sɛ ɛyɛɛ dɛn na amansan ne emu nneɛma nyinaa bae a, ɛsono obiara ne nea ɔka. Ebi ka sɛ amansan yi bae ara kwa, ebi nso gye di sɛ obi na ɔhyɛɛ da bɔe. Wobɛyɛ dɛn ahu asɛm yi mu nokware? Yebesusuw adanse ahorow a ɛfa saa asɛm yi ho wɔ nsɛmma nhoma yi mu. Sɛ wuhu asɛm yi mu nokware a, ɛbɛboa wo paa.