Nea Awofo Ka
Wo mma renyin no, ɔkwan bɛn na wobɛfa so akyerɛ wɔn mfaso a ɛwɔ osetie a wɔbɛyɛ so? Wobɛyɛ dɛn akyerɛ wɔn fie nnwuma, nsaanodwuma, ne nnwuma afoforo? Hyɛ nea awofo binom a wofi wiase afanan nyinaa aka no nsow.
NKITAHODI NE FIE NNWUMA
“Sɛ yɛbom didi na yesusuw nea ɛkɔɔ so wɔ da no mu ho a, ɛma mmofra no mu biara sua sɛnea wotie asɛm. Sɛ wohu sɛnea Maame ne Paapa yɛ koom tie asɛm no a, ɛma wonya obu ma ankorankoro ne wɔn ankasa ho.”—Richard, Britain.
“Sɛ yehu sɛnea yɛn mma no kyerɛ obu ma wɔn ho na wɔn nkutoo tumi siesie wɔn ntam nsɛmnsɛm a, ɛma yɛn koma tɔ yɛn yam. Afei nso, wotumi ne mpanyimfo di nkitaho wɔ ahotoso mu.”—John, South Africa.
“Menyɛ pɛ, na ɛtɔ mmere bi a meyɛ ade ma ɛhaw me mma no. Sɛ ɛba saa, na ɛho abehia paa sɛ mepa mfomso a madi no ho kyɛw.”—Janelle, Australia.
“Yɛatete yɛn mma no ma wotumi yɛ nnwuma a ehia wɔ fie. Nnwuma a ɛboa afoforo a yɛkyerɛ wɔn no ama nneɛma kɔ so yiye wɔ asomdwoe mu wɔ abusua no mu, na mmofra no te nka sɛ wotumi di wɔn asɛyɛde ho dwuma.”—Clive, Australia.
“Ɛnna fam, nanso ehia paa sɛ wohu sɛnea wɔbɛte wɔn ho ase, abu wɔn ho, na wɔde mfomso afirifiri wɔn ho.”—Yuko, Japan.
AHOTEW NE APƆWMUDEN
“Bere a yɛn mma no susua no, yɛkyerɛɛ wɔn sɛnea wɔn ankasa beguare na na yɛma ɛyɛ anika denam samina a wɔayeyɛ no sɛ abaduaba, ne shampoo a wɔde mmofra sini mu mfonini atetare ho, ne sapɔw a wɔatwitwa no te sɛ mmoa nketenkete a yɛde ma wɔn no so.”—Edgar, Mexico.
“Sɛ yɛkɔtena mmeae a ɔdorobɛn mu nsu nni hɔ a, mebɔ mmɔden bere nyinaa sɛ mede samina ne ade a nsu wom besi beae a obiara behu na yɛatumi de ahohoro yɛn nsa ansa na yɛahyɛn fie.”—Endurance, Nigeria.
“Yɛma mmofra no nnuan pa da biara, na yɛkyerɛ wɔn mfaso a ɛwɔ nnuan a ahoɔden wom so. Mmofra no pɛ sɛ ɛyɛ a wohu nneɛma ahorow a mede gu nnuan ahorow no mu, enti mema wɔboa me wɔ aduannoa no mu. Bere a yɛbom de noa aduan no nso boa ma yedi nkitaho.”—Sandra, Britain.
“Apɔw-mu-teɛteɛ ho hia, enti sɛ́ awofo no, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛbɛyɛ ho nhwɛso pa. Sɛ yɛbom sɛ abusua tu mmirika, guare asu, bɔ tɛnis, anaa baskɛtbɔɔl, anaa yɛtena baesekre so a, mmofra no ani gye. Ɛma wohu sɛ ɛnyɛ hia nko na apɔw-mu-teɛteɛ ho hia na mmom ɛma anigye nso.”—Keren, Australia.
“Nea ehia mmofra kɛse ne bere a wobenya ne wɔn awofo abɔ. Biribiara ntumi nsi ananmu—sɛ́ ɛyɛ sika, akyɛde, anaa akwan a wobetutu. Sɛ ɛyɛ bere a mmofra no rekɔ sukuu a, ɛnde mehwehwɛ adwuma a wɔyɛ no anɔpa pɛ. Ɛba saa a, mitumi nya bere ma wɔn awiabere.”—Romina, Italy.
NTEƐSO
“Yɛabehu sɛ ɔkwan biako pɛ bi nni hɔ a wɔfa so de nteɛso ma. Ɛtɔ mmere bi a nteɛso betumi ayɛ nkɔmmɔ a wofi komam ne abofra bɔ, na bere foforo nso ebetumi ayɛ hokwan ahorow a abofra no wɔ a wobegye afi ne nsam.”—Ogbiti, Nigeria.
“Yɛma yɛn mma no san ka akwankyerɛ a yɛde ama wɔn no kyerɛ yɛn de hu sɛ wɔate nea yɛaka akyerɛ wɔn no ase. Afei nea yɛaka no, ɛno na yɛyɛ. Sɛ yɛpɛ sɛ yɛn mma no yɛ atiefo a wodi akwankyerɛ a wɔde ama wɔn so a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn fam de denam asotwe a yɛde bɛma wɔn bere a wɔanyɛ osetie no so.”—Clive, Australia.
“Mabehu sɛ sɛ mereteɛ me mma no so na mebɔ me mu ase ma m’ani ne wɔn de hyia a, ɛboa paa. Ɛma wɔyɛ aso ma me. Bio nso ɛma wotumi hwɛ m’anim yɛbea hu nea merepɛ akyerɛ.”—Jennifer, Australia.
“Yɛbɔ mmɔden sɛ yɛrenka nkyerɛ yɛn mma no sɛ, ‘Mo de, wɔka asɛm biara a monte,’ wɔ bere mpo a ebia ɛyɛ nokware sɛ wɔn aso yɛ den no. Afei nso, yɛmmfa nteɛso mma wɔn wɔ wɔn nuanom anim. Nea yɛyɛ ne sɛ yɛne wɔn bɛkasa brɛoo anaa yɛbɛtwe wɔn akɔ nkyɛn ne wɔn akɔkasa kokoam.”—Rudi, Mozambique.
“Ɛnyɛ den koraa sɛ afoforo benya mmofra so nkɛntɛnso, na mmofra nso pɛ asuasua. Eyi nti, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nhwɛso pa de bɔ wɔn ho ban fi nkɛntɛnso bɔne a wɔn mfɛfo sukuufo, nsɛm ho amanneɛbɔfo, ne nnipa a wɔatwa yɛn ho ahyia de ba wɔn so no ho.”—Grégoire, Democratic Republic of the Congo.
“Sɛ wode nteɛso rema a, ɛsɛ sɛ wusi pi, wokari pɛ, na wode won nan si fam. Ɛsɛ sɛ mmofra te nea ebefi bɔne a wɔbɛyɛ mu aba no ase na woma wohu sɛ nea woaka biara, wobɛyɛ.”—Owen, England.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 14]
“Agyanom, monnhyɛ mo mma abufuw na wɔn abam ammu.”—Kolosefo 3:21
[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 15]
ABUSUA MU NSƐM
Nea Ɛbɛma Asi Wo Yiye Sɛ Ɔwofo a Onni Ɔhokafo
Nsɛm a wobisabisa Lucinda Forster
Asɛnnennen bɛn paa na wuhyia sɛ ɔwofo a onni ɔhokafo?
Sɛ woyɛ ɔwofo a, ɛnna fam, nanso sɛ́ ɔwofo a onni hokafo no, ɛyɛ den ma me sɛ mɛyɛ me bere nhyehyɛe yiye na manya ahoɔden nso ayɛ me nnwuma ahorow. Egye bere na woatumi de suban pa adua wɔn mu na bere koro no ara woanya hokwan ne wɔn abom agye mo ahome na moagye mo ani. Mpɛn pii no, mede bere a mede gye m’ahome no bɔ afɔre sɛnea ɛbɛyɛ a metumi ayɛ me fie nnwuma awie.
Dɛn na woyɛ ma nkitahodi pa tena wo ne wo mmabea ntam?
Awaregyae akyi no, mmofra betumi ate nka sɛ wonni ahobammɔ na wɔn bo fuw. Mihu sɛ, sɛ nsɛnnennen sɔre na yɛhwɛ yɛn ho yɛn ho anim na yɛankekaw mu angu wɔn so a, ɛboa paa. Mihu sɛ, sɛ ɔhaw ahorow sɔre a, nea ehia titiriw ne sɛ mɛhwɛ wɔn anim tẽẽ na mede odwo akasa. Metwɛn kosi bere a obiara bo adwo na afei meda nea ɛhaw me adi na mehwɛ ma ɛnnan asɛnkɛse. Mibisa wɔn adwenkyerɛ, tie wɔn yiye, na mema wohu sɛ mete wɔn ase. Mema m’ani ku wɔn sukuukɔ ho na mekamfo wɔn wɔ nea wotumi yɛ ho. Yɛbom didi bere nyinaa wɔ anigye ne asomdwoe mu. Metaa ka sɛnea medɔ wɔn no ho asɛm kyerɛ wɔn.
Ɔkwan bɛn so na wode nteɛso ma?
Mmofra hia sɛ wɔhyehyɛ mmara pɔtẽẽ bi ma wɔn, na ehia sɛ wɔhwɛ ma ɛyɛ adwuma bere nyinaa nso. Enti mebɔ mmɔden sɛ mɛda ayamye adi akyerɛ wɔn, nanso mehwɛ sɛ mesi pi. Sɛ wodi mfomso a, me ne wɔn susuw ho ma wohu nea enti a suban pɔtẽẽ bi a wɔda no adi no nye. Mebɔ mmɔden sɛ me ne wɔn besusuw sɛnea wobu mfomso a wɔadi no ho de hu nea enti a wɔyɛɛ saa ansa na matwe wɔn aso. Sɛ mefom—sɛ ebia mante tebea bi ase—a, mepa wɔn kyɛw.
Ɔkwan bɛn so na wokyerɛ wo mma sɛnea wobebu afoforo?
Mema wɔkae Yesu nkyerɛkyerɛ yi—sɛnea wɔpɛ sɛ afoforo yɛ wɔn no, wɔn nso wɔnyɛ wɔn saa ara. (Luka 6:31) Mehyɛ mmeawa no nkuran sɛ wɔmmɔ mmɔden nsiesie wɔn ntam nsɛm sɛnea wobetumi biara, na mekyerɛ wɔn mfaso a ɛwɔ so sɛ wɔbɛda obu ne odwo adi akyerɛ afoforo bere a wɔn bo afuw mpo no.
Dɛn na mode gye mo ani?
Ɛnyɛ bere nyinaa na yenya sika tu kwan kogye yɛn ahome, enti yɛhwɛ atesɛm nkrataa mu paw anigyede bi a yɛrensɛe sika pii wɔ ho. Yɛbom fi adi kogye yɛn ani anaa yetu mpase kɔhwehwɛ afifide ahorow a wɔatɛw. Yeduadua nhabamma wɔ yɛn mfikyifuw mu, na sɛ yɛretetew bi akɔyɛ aduan a, ɛma yɛn ani gye. Ahomegye ho hia enti sɛ turo bi mu na ɛsɛ sɛ yɛkɔ a, yɛyɛ saa.
Anigye ne nhyira horow bɛn na moanya?
Ɔwofo a onni hokafo abusua asetena yɛ den, nanso yɛayɛ biako na yɛasua sɛ yɛbɛkyerɛ nea Onyankopɔn ayɛ ama yɛn no ho anisɔ. M’ani gye suban pa a mmofra no mu biara da no adi no ho. Wɔ baabi a woanyin adu yi, wɔpɛ sɛ wɔne me bɔ, na m’ani gye wɔn fekubɔ no ho yiye. Sɛ m’ani gye anaa me werɛ how a wohu, na ɛtɔ mmere bi a wɔbam me anigye so de hyɛ me den. Ɔdɔ a wɔda no adi kyerɛ me no ma minya anigye kɛse. Nea ehia sen ne nyinaa no, yɛahu ɔdɔ a Ɔbɔadeɛ a ɔhwɛ ne nkoa so no ada no adi akyerɛ yɛn no, titiriw wɔ bere a yehyia nsɛm a emu yɛ den no. Bible no ahyɛ me nkuran ma enti mekɔ so bɔ mmɔden sɛ mɛyɛ ɔwofo pa.—Yesaia 41:13.—g11-E 10.
[Mfonini]
Lucinda ne ne mmabea, Brie ne Shae