Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g02 8/8 kr. 32
  • Television So Akyinnyegye a Ɛfa Yehowa Adansefo Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Television So Akyinnyegye a Ɛfa Yehowa Adansefo Ho
  • Nyan!—2002
Nyan!—2002
g02 8/8 kr. 32

Television So Akyinnyegye a Ɛfa Yehowa Adansefo Ho

Wɔ afe 2000 ne 2001 mu no, wɔde sobo bi bɔɔ Yehowa Adansefo a wɔwɔ Georgia, kan Soviet Union adehyeman, mu no. Georgia television dwumadibea a agye din no de akyinnyegye a na ɛfa ɔmanyɛfo bi a ɔpɛe sɛ wɔbara Adansefo no dwumadi, ne ɔbenfo bi a asɛnnibea no yii no sɛ ɔnhwehwɛ Adansefo nhoma mu ho no baa television so.

Bere a ɔbenfo no reyi sobo a enye a wɔde abɔ Adansefo no wɔ nea wogye di ho ano no, ɔkasa tiae sɛ ɔmanyɛfo no asɛm no “nni nnyinaso.” Afei bere a okura Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no biako sɛnea atiefo behu wɔ television so no, ɔkae sɛ: “Nea Yehowa Adansefo gye di ni.”

Ɔbenfo no fii ase kenkanee nhoma no nkyekyɛm a edi kan, a ɛde nsɛm yi ba awiei no sɛ: “Nanso wɔ pii fam no, ɛte sɛ nea asetra ma wohyia ɔhaw a emu yɛ den ntoatoaso. Sɛ saa na ɛte wɔ wo fam a, ma wo bo ntɔ wo yam.”

Nhoma yi twe adwene si mmuae a Bible no de ma fa nsɛmmisa a nnipa pii wɔ ho no so. Sɛ nhwɛso no, eti ahorow a ekura no binom ne: “Hena Ne Nokware Nyankopɔn No?,” Dɛn Nti na Yenyinyin na Yewuwu?,” ne “Dɛn Nti na Onyankopɔn Ma Amanehunu Ho Kwan?”

So wopɛ sɛ wunya nhoma a ekura nkratafa 192 yi bi na w’ankasa wode yɛ nhwehwɛmu? Wubetumi abisa bi denam krataa a ɛka ho a wobɛhyehyɛ amena address a wɔde ama wɔ so no anaa address a ɛfata a ɛwɔ nsɛmma nhoma yi kratafa 5 no so.

□ Momfa Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no biako mmena me.

□ Mesrɛ sɛ mo ne me mmɛyɛ ofie Bible adesua a wontua hwee.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena