Nhoma Bi a Ebetumi Aboa Ma Aware Agyina
TULANE SUKUUPƆN NO NANMUSINI BI frɛɛ ɔbea bi a wɔfrɛ no Leslie a ɔwɔ Louisiana, wɔ U.S.A. wɔ telefon so afe a etwaam no. Nea ɔfrɛe no kae sɛ Tulane ne sukuupɔn foforo reyɛ nhwehwɛmu bi wɔ wɔn a afei na wɔaware foforo wɔ Louisiana no mu.
Bere a ɔbea no penee so sɛ ɔde ne ho bɛhyem no, wɔmaa no krataa bi sɛ ɔnhyehyɛ, na bere a ɔhyehyɛ wiei no, ɔde nhoma a wɔfrɛ no Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba no biako kaa ho kɔmaa wɔn. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ, ɔne ne kunu yɛ Yehowa Adansefo na wɔboom suaa saa nhoma no de siesiee wɔn ho maa aware.
Adapɛn kakraa bi akyi no, ne nsa kaa krataa bi fii sukuupɔn kwankyerɛfo no hɔ, a na wakyerɛw wom sɛ: “Yɛwɔ awerɛhyem sɛ awarefo te sɛ wo ne wo kunu betumi akyerɛkyerɛ yɛn nea ebetumi ama aware asɔ na ayɛ anigye. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɛsono abusua a mo mu biara fi mu no ho hia paa efisɛ eyi taa de nsɛnnennen ba aware mu. Nanso sɛnea musiesiee mo ho maa aware, titiriw nsɛm a ɛwɔ nhoma a wode menae no mu no betumi aboa mo ma moadi ɔhaw biara a ɛbɛsɔre ho dwuma. Na nokwarem no, ɔsom mu nnyinaso a obi benya wɔ aware mu nso ho hia paa. Mo baanu nyinaa ti ayɛ yiye sɛ mowɔ gyidi biako ne Onyankopɔn mu ahotoso.
“Mede nhoma a wode menaa me no ato me pon so faako a mehu, na sɛ m’adesuafo no bisa me aware ho nyansahyɛ bi a, mede akyerɛ wɔn. Minhuu nhoma a ɛte sɛɛ da, eye paa.”
Yegye di sɛ wo nso wubenya saa nhoma yi so mfaso. Sɛ wopɛ bi a, yɛsrɛ wo hyehyɛ krataa a ɛka nhoma yi ho yi fa mena address a ɛwɔ so no anaa address a wɔahyehyɛ wɔ nsɛmma nhoma yi kratafa 5 no. Wubenya akwankyerɛ ahorow pɔtee bi a ebetumi aboa wo ma woadi nsɛnnennen so na ama anigye aba w’abusua asetram sɛnea Ɔbɔadeɛ no pɛe sɛ ɛyɛ no.
□ Momfa Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba nhoma no bi mmrɛ me.
□ Mesrɛ sɛ mo ne me mmɛyɛ ofie Bible adesua a wontua hwee.