Ɔkwan Bɛn So na Ɛsɛ Sɛ Wɔteɛ Mmofra So?
Canada National Post atesɛm krataa no ka sɛ: “Sɛ wɔkamfo mmofra wɔ nea wɔyɛ biara ho a, ɛde nsɛnnennen ba.” Awofo binom susuw sɛ saa kwan a wɔfa so ne mmofra di nsɛm no ma wonya obu ma wɔn ho. Nanso sɛnea adwene ne nneyɛe ho nimdefo Roy Baumeister kyerɛ no, “sɛ obu a wobenya ama wɔn ho no gyina biribi pa a wɔatumi ayɛ so a, asɛm biara nni ho, nanso ɛsɛ sɛ awofo ma wɔn ani ku ahosodi a wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn mma no ho.”
Ɔwofo a osuro sɛ ɔbɛteɛ ne ba so bere a abofra no afom no rebɔ abɔfra no aboro. Nteɛso nso yɛ ɔkwan a wɔfa so de akwankyerɛ ma. Ne saa nti, ɛkyerɛ abofra a wɔafom no ma ɔkwati sɛ ɔbetĩ mfomso ahorow mu. Ɛwom, ɛsɛ sɛ awofo hwɛ yiye sɛ wɔmfa atirimɔden nteɛ wɔn so mma ɛmmoro mfomso a wodii no so. (Yeremia 46:28) Ɛsɛ sɛ wɔhwɛ hu sɛ wɔrenteɛ wɔn so mma ɛmmoro so. Bible ka sɛ: “Agyanom, munnyi mo mma abufuw, na wɔn koma antu.”—Kolosefo 3:21.
Wɔ Bible mu no, wɔtaa de ɔdɔ ne odwo na ɛka nteɛso ho asɛm, na wɔmfa mmata abufuw ne atirimɔden ho. Ɛsɛ sɛ ofotufo a ne ho akokwaw no ‘dwo ma nnipa nyinaa, brɛ ne ho ase bɔne ho, na ɔde odwo kasa kyerɛ wɔn a wɔne no di asi nsɛm mu.’ (2 Timoteo 2:24, 25) Enti ɛnsɛ sɛ nteɛso ma ɔwofo bo fuw kɛkɛ. Bible no mpene so sɛ wɔbɛfa ɔkwan bi so ateɛ abofra bi so ma adi no dɛm anaa apira no nkate fam.
Nnipa ɔpepem pii anya nhoma a ekura nkratafa 192 yi so mfaso. Emu nsɛmti a ɛde ɔkyerɛkyerɛ ma no bi ne: “Tete Wo Ba Fi Ne Mmofraase” ne “Boa Wo Ba Aberantewaa Anaa Ababaawa Ma Onnya Nkɔso.” Sɛ wopɛ sɛ wunya bi a, yɛsrɛ sɛ hyehyɛ krataa a ɛka ho no fa mena address a wɔde ama wɔ so no anaa address a ɛwɔ nsɛmma nhoma yi kratafa 5 no mu nea ɛfata. Wubenya nyansahyɛ pɔtee a ebetumi aboa wo ma wadi nsɛnnennen ho dwuma na ama anigye aba abusua asetra mu sɛnea Ɔbɔadeɛ no pɛe sɛ ɛyɛ no.
□ Momfa Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba nhoma no bi mmrɛ me.
□ Mesrɛ sɛ mo ne me mmɛyɛ ofie Bible adesua a wontua hwee.