“M’ani Gye Sɛnea Ɛka Nsɛm no Ho”
Eyi ne asɛm a adwuma sohwɛfo abadiakyiri bi a ofi Yucatán, Mexico, ka faa sɛnea Nyan! nsɛmma nhoma no de nsɛm ho amanneɛbɔ ma no ho. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu wɔ ne krataa a ɔkyerɛwee mu sɛ Ɔdansefo bi a ɔne no yɛ adwuma wɔ insurance adwuma mu na ɔkaa Nyan! ho asɛm kyerɛɛ no.
Ɔkaa Nyan! ho asɛm sɛ: “Ɛyɛ nsɛm ne nokware fibea ankasa. M’ani gye sɛnea ɛka nsɛm no ho, ɛnkyerɛ amammui ko a eye na emmu nnipa binom sɛ wɔsen afoforo. Saa nsɛmma nhoma yi a mekenkan no ama manya me haw ahorow ano aduru. Ɛyɛ nhoma a ɛyɛ fɛ, ɛkari pɛ, ɛyɛ ne bere mu de, na ɛhyɛ den. Mifi me koma nyinaa mu kamfo mo!”
Mfe bi a atwam no Nyan! kaa sɛnea obi betumi agyina ɔdɔfo wu ho nsɛnnennen ano ho asɛm. Akyiri yi wɔsaa nsɛm no mu kyerɛwee wɔ nhomawa a wɔfrɛ no Bere a Obi a Wodɔ No Awu no mu. Ebia wo anaasɛ obi a wunim no betumi anya awerɛkyekye afi saa nhomawa yi a ekura nkratafa 32 a mobɛkenkan no mu. Wo nsa betumi aka nhoma yi bi denam krataa a ɛka ho a wobɛhyehyɛ amena address a wɔde ama wɔ so no anaa address a ɛwɔ nsɛmma nhoma yi kratafa 5 no mu nea ɛfata so.
◻ Momfa Bere a Obi a Wodɔ No Awu nhomawa no bi mmrɛ me. Kyerɛ kasa ko a wopɛ
◻ Mesrɛ sɛ mo ne me mmɛyɛ ofie Bible adesua a wontua hwee.