Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 11/8 kr. 32
  • Mfonini a Ne Werɛ Amfi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mfonini a Ne Werɛ Amfi
  • Nyan!—1999
Nyan!—1999
g99 11/8 kr. 32

Mfonini a Ne Werɛ Amfi

NA Karen a ɔde mfe bɛboro aduonu asom sɛ Yehowa Ɔdansefo no nim sɛ ne papa mpɛ sɛ ɔne no bɛka ɔsom ho asɛm. Nanso, nnansa yi ara adwene a ɛte saa no sesae. Na wɔayɛ ne papa no oprehyɛn wɔ ayaresabea bi a na ɔretwɛn sɛ ne ho bɛtɔ no. Da koro bi, esiane sɛ na n’ani ahaw nti, ɔkenkanee atesɛm krataa bi mu nsɛm nyinaa. Nea ɔkenkanee no bɔɔ no hu. Akyiri yi a ɔkɔɔ ne fie no, ɔfrɛɛ ne babea no wɔ telefon so. Karen ka sɛ: “Me Papa ka kyerɛɛ me wɔ telefon no so sɛ: ‘Karen, wiase asɛe.’ Nea na ɛhaw no kɛse ne sɛnea wɔyɛ mmofra ayayade no.

“Meyɛɛ sɛ merekasa ara pɛ na otwaa m’ano kae sɛ: ‘Ɛnnɛ mmabaa abien bi baa me fie. Ɛyɛ a na metaa wɔ me mfikyifuw mu, nanso saa bere yi de, wɔbɛtoo me wɔ me dan no anim. Mmabaa no mu biako de turo fɛfɛ bi ho mfonini kyerɛɛ me. Na mepɛ sɛ meka kyerɛ no sɛ, “Sɛ woahu me mfikyifuw no—ɛyɛ fɛ paa,” nanso mantumi. Na afei ɔka kyerɛɛ me sɛ ɛrenkyɛ asomdwoe bɛba asase nyinaa so. Ɔkae sɛ asase so asetra bɛyɛ sɛ mfonini no na ama obiara ani agye. Mannye nhoma no. Nanso bere a wɔkɔe akyi mpo no, na meda so ara kae mfonini no. Mekɔɔ so susuw mfonini no ne asomdwoe a obiara benya no ho. Wunim nhoma a mereka ho asɛm no? Wubetumi anya bi ama me?’”

Karen de anigye kaa sɛ obenya bi ama no. Mfonini a na ne papa reka ho asɛm no na wuhu wɔ ha yi. Wɔfrɛ nhoma no Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. So wopɛ sɛ wuhu Bible bɔhyɛ a ɛne sɛ Onyankopɔn bɛma asase nyinaa adan turo a nnipa bɛtra mu wɔ asomdwoe mu no ho ade pii? Wo nsa betumi aka nhoma yi bi denam krataa a ɛka ho no a wobɛhyehyɛ amena address a wɔde ama wɔ so no anaa address a ɛwɔ nsɛmma yi kratafa 5 no mu nea ɛfata no so.

□ Momfa Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no bi mmrɛ me.

□ Kyerɛ kasa ko a wopɛ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena