So Wunim?
(Wubetumi anya nsɛmmisa a wɔde sɔ adwene hwɛ yi ho mmuae wɔ Bible kyerɛw nsɛm a wɔde ama no mu, na wɔatintim mmuae no nyinaa wɔ kratafa 16. Sɛ wopɛ ho nsɛm foforo a, hwɛ “Insight on the Scriptures,” nhoma a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wɔyɛe no mu.)
1. Israel abusuakuw bɛn na wɔn mu asraafo so tew kɛse paa—bɛboro ɔha mu 60—bere a wɔsan kan wɔn wɔ sare so no? (Numeri 1:23; 26:14)
2. Dɛn na Yesu kae sɛ awufo a wobenyan wɔn no rennya mu kyɛfa? (Luka 20:35)
3. Agur kaa asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm ti 30 no kyerɛɛ henanom? (Mmebusɛm 30:1)
4. Dɛn na Paulo kae sɛ ɛsɛ sɛ obi yɛ no foforo na ama watumi ayɛ Onyankopɔn apɛde? (Romafo 12:2)
5. Henanom na Gamaliel kaa wɔn ho asɛm de yɛɛ nhwɛso kyerɛɛ Sanhedrin no mufo sɛ ɛnsɛ sɛ wɔhaw Kristofo no? (Asomafo no Nnwuma 5:34-40)
6. Dɛn na Yosef bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ na amma ‘wangu Maria anim ase guam’? (Mateo 1:19)
7. Ɛdɛn na ɛmaa “wɔn a wɔte Lida ne Saron . . . dan baa Awurade nkyɛn”? (Asomafo no Nnwuma 9:35)
8. Mmɔden bɛn na Farisifo ne Sadukifo no bɔe sɛ wɔbɛsɔ Yesu ahwɛ? (Mateo 16:1)
9. Dɛn na Yehowa de yɛɛ abɔfo a wogyaw wɔn ankasa trabere no? (Yuda 6)
10. Dɛn na Onyankopɔn suban so a wɔbɔɔ onipa no kyerɛ? (Genesis 1:27)
11. Na Onyankopɔn kyerɛ dɛn bere a ɔkae sɛ asase yɛ ne nan ntiaso no? (Yesaia 66:1)
12. Ɛhe na na Kleopa ne osuani foforo no rekɔ bere a Yesu sakraa ne nipadua bɛkaa wɔn ho no? (Luka 24:13)
13. Sɛ yɛnantew “tee” a, dɛn na yebenya? (Dwom 84:11)
14. Adwuma bɛn na na Paulo ne Akwila nyinaa yɛ? (Asomafo no Nnwuma 18:3)
15. Onyankopɔn kae sɛ Abraham babarima Ismael bɛwo mma ahe? (Genesis 17:20; 25:16)
16. Na “Yakob fi akra” a Farao ma wɔbaa Misraim no ano si ahe? (Genesis 46:27)
17. Yesu de wɔn a wɔyɛɛ ne nuanom nketewaa no yiye no totoo dɛn ho? (Mateo 25:31-45)
18. Hela nkyerɛwde a edi kan ne nea etwa to bɛn na wɔde bɔ Onyankopɔn abodin? (Adiyisɛm 1:8)
Nsɛmmisa a Wɔde Sɔ Adwene Hwɛ no Ho Mmuae
1. Simeon abusuakuw
2. Aware
3. Itiel ne Ukal
4. N’adwene
5. Teuda ne Galileani Yuda
6. Obegyaa no aware
7. Wohui sɛ Petro asa Enea yare wɔ Yesu din mu
8. Wɔkae sɛ “ɔnkyerɛ wɔn ɔsoro sɛnkyerɛnne bi”
9. “Ɔde daa ahama akyere wɔn akora wɔn esum kabii mu ama da kɛse no atemmu”
10. Ná ɔwɔ su a ɛte sɛ ne Bɔfo no de na ɛmaa no daa nsow wɔ mmoa ho
11. Wɔ nsɛnkyerɛnne kwan so no, ne soro agua no korɔn koraa sen asase
12. Emaus
13. Yehowa “remfa papa nkame” yɛn
14. Na “wɔyɛ ntamadanyɛfo”
15. Dumien
16. Aduɔson
17. Nguanten
18. “Alfa ne Omega”