Nhoma A Ɛwɔ Atirimpɔw Nhoma A Ɛwɔ Atirimpɔw
OBI A ɔhwɛ ɔmanfo nhomakorabea bi so wɔ Prague, Czech Adehyeman mu no kyerɛw nhwehwɛmu a ɔyɛe wɔ Nyan! ho a na ɛyɛ nkratafa abien de bɔɔ nkaebɔ pon so wɔ nhomakorabea hɔ. Nea ɔkyerɛwee no bi na edi so yi:
“Menka Yehowa Adansefo ho. Menyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no kyitaafo, na menyɛ ne tamfo. Nanso ɛsɛ sɛ mekamfo Nyan! nsɛmma nhoma no a makenkan no bere tenten ni no. Akyi asɛmti kɛkɛ a wobɛkenkan no pɛnkoro da biara no betumi aboa wo kɛse. Ɛnyɛ akyi asɛmti no nko, na mmom nsɛmma nhoma yi mu nsɛm di boa aguadi ho nsɛmma nhoma nso . . .
“Nyan! susuw nneɛma ho yiye. Ɛka nsɛm a nsɛmma nhoma afoforo mpɛ sɛ wɔka ho asɛm esiane ntease horow bi nti. Ɛtwe adwene si nsɛm so tẽẽ, na ɛkyerɛkyerɛ nneɛma a wosusuw ho wɔ mmaa nyinaa mu . . . Nyan! nhyɛ obiara. Ɛde nokwasɛm a atumfo ka ne wɔn nsusuwii to gua, ɛma biribi so mfaso ne ɛho haw da adi, ɛde Bible mu nsɛm bata nsɛm a esisi ho, na egya nneɛma ho gyinaesi ma n’akenkanfo. Bio nso, Nyan! bisa nsɛm—na ɛma akenkanfo nso bisa bi.”
Wɔ nsɛmma nhoma no biara kratafa 4 no, “Nea Enti a Wotintim Nyan!” no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nea ɛsen biara no, nsɛmma nhoma yi ma wonya Ɔbɔadeɛ no bɔhyɛ a ɛfa wiase nhyehyɛe foforo a asomdwoe ne dwoodwoo asetra wom a ɛreba abesi mprempren nhyehyɛe bɔne a amumɔyɛ wom no ananmu no mu awerɛhyem.”
Wubetumi ahu Onyankopɔn bɔhyɛ a wɔaka ho asɛm no wɔ Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw? Wobɛyɛ Dɛn Ahu? nhomawa a ekura kratafa 32 no fã abien a etwa to no mu. Wɔato afã horow yi din sɛ “Ɛnkyɛ Onyankopɔn Atirimpɔw Bɛbam” ne “Tra Ase Daa wɔ Paradise Asase So.” Wo nsa betumi aka nhomawa yi bi denam krataa a ɛka ho no a wobɛhyehyɛ amena address a ɛwɔ nsɛmma nhoma yi kratafa 5 no mu nea ɛfata so.
□ Momfa Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw? Wobɛyɛ Dɛn Ahu? nhomawa no bi mmrɛ me