Nyan! Hyɛ Dawurubɔ Krataa a Ɛko Tia Sigaretnom Ho Nkuran
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ ITALY HƆ
NNANSA yi ara wɔ kuropɔn Mortara a ɛwɔ Italy atifi fam mu no, Italifo Fekuw a Ɛko Tia Kokoram ne ɛhɔ atesɛm krataa bi yɛɛ akansi ho nhyehyɛe maa ntoaso sukuufo sɛ wɔnyɛ dawurubɔ krataa a ɛko tia sigaretnom. Simona a ɔyɛ Yehowa Dansefo a wadi mfe dunnan no yɛɛ nhwehwɛmu wɔ asiane a tawanom de ba ho wɔ Nyan! ahorow mu, titiriw nea epuei wɔ July 8, 1989, ne May 22, 1995, Engiresi de mu no. Simona kyerɛw sɛ: “Bere a mereyɛ nhwehwɛmu no, m’ani gyee nsɛmma nhoma no akyi mfonini no ho yiye. Meyɛɛ nnipa ti kwankoraa a sigaret tua n’ano te sɛ nea mihui wɔ Nyan! no mu no, na akyi asɛm no maa minyaa asɛmti maa m’asɛm no.” Na asɛmti no ne: “Sigaretnom—Ekunkum Nnipa Ɔpepem Pii Ma Ɔpepem Pii Nso Nya Wɔn Ho.” Ná ne dawurubɔ krataa no kã nkrataa 250 a wɔde kosii akan no ho.
Ɛwom sɛ na sukuufo a wɔresi akan no mu pii anyinyin sen Simona de, nanso ɔno na onyaa nkonim bo no, a $300 a wɔde bɛhwɛ no sukuu kwa ka ho. Simona kyerɛw krataa kɔmaa Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea de kyerɛɛ Nyan! akyi mfonini a edi mũ a ɛma onyaa ɛho adwene horow no ho anisɔ. N’ani gye Nyan! akenkan ho a ɛnyɛ akyi nnuraho no nti na mmom nsɛm a ɛyɛ ne bere mu de a edi mũ a ɛfa apɔwmuden, nsɛm a esisi, ne nsɛnnennen a mmofra hyia ho no nso. Ɔde ne krataa no ba awiei sɛ: “AN: Monkɔ so wɔ adwuma pa yi mu!”
Sɛ wopɛ sɛ wo nsa ka nsɛm pii a ɛfa Kristofo ho a, yɛsrɛ wo kɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa a ɛwɔ wo mpɔtam hɔ no, anaasɛ fa krataa a ɛwɔ ase hɔ no mena.
□ Momfa Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? nhomawa no bi mmrɛ me.