Bible na Edii Kan Kae
● “Womfi nkɔmmɔbɔ ase prɛko pɛ da, anaasɛ ahopere so. Obiara mpere ne ho mmisa asɛm bi, ɛmfa ho sɛ na ɛho hia, na wɔnhyɛ obiara mma ommua asɛm bi. Ná gyina a wogyina kakra wɔ kasa mu yɛ obu kwan so adeyɛ a wɔnam so fi nkɔmmɔbɔ pa ase. Ná Kommyɛ som bo ma Lakotafo. . . . Ná wɔyɛ [eyi] mpɛn pii de kyerɛ nnidi ankasa ne obu ma gyinapɛn a ɛne sɛ ‘wodwen ansa na wɔakasa’” no.—Luther Standing Bear, Oglala Sioux hene, (1868?-1939).
“Me nuanom adɔfo, munim eyi. Ma nnipa nyinaa nyɛ ntɛm ntie, nyɛ nyaa nkasa, na wɔnyɛ nyaa mfa abufuw.”—Yakobo 1:19, Bible no (afeha a edi kan Y.B.).
“Ɔtreneeni koma dwen mmuae ho, na ɔbɔnefo ano woro nsɛmmɔne.”—Mmebusɛm 15:28, Bible no (bɛyɛ afeha a ɛto so awotwe A.Y.B.).
“Ɔkwasea yi ne honhom nyinaa adi, na onyansafo dwudwo no ma ɛka akyiri.”—Mmebusɛm 29:11, Bible no (bɛyɛ afeha a ɛto so awotwe A.Y.B.).
[Mfonini Fibea]
Photo by David Barry, the Denver Public Library, Western History Collection