Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 5/8 kr. 31
  • Sɛnea Yɛbɛkwati Wiase Nyinaa Asiane Bi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛnea Yɛbɛkwati Wiase Nyinaa Asiane Bi
  • Nyan!—1999
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Amanaman Nkabom No—Ɔkwan A Eye Kyɛn So?
    Nyan!—1992
  • Ɔhaw no Ano Aduru a Wɔrehwehwɛ
    Nyan!—2000
  • Wo Nyinsɛn a Wobɛhwɛ no Yiye
    Nyan!—2003
  • Mmofra​—Agyapade Anaasɛ Adesoa?
    Nyan!—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1999
g99 5/8 kr. 31

Sɛnea Yɛbɛkwati Wiase Nyinaa Asiane Bi

AMANAMAN NKABOM NO KA HO ASƐM SƐ “WIASE NYINAA ASIANE”—NA ƐFATA. WƆ WIASE NYINAA NO, NYINSƐN NE AWO MA ƆBEA BIAKO WU SIMMA BIARA.

Saa owu yi kɔ so kɛse wɔ aman a wonnyaa nkɔso pii mu. Bere a nyinsɛn mu nsɛm ma mmea 10,000 mu 1 pɛ hwere ne nkwa wɔ Europa na mmea 12,500 mu 1 na ɛhwere ne nkwa wɔ United States no, asiane no kɔ soro kosi sɛ mmea 73 mu 1 wu wɔ Latin America, 54 mu 1 wu wɔ Asia, na nea ɛyɛ ahodwiriw no, 21 mu 1 wu wɔ Afrika!

Esiane sɛ wobetumi asiw mmea 600,000 a afe biara nyinsɛn mu nsɛm ma wowuwu yi ano denam wɔn a wonim awo gye paa mmoa so nti, mprempren Amanaman Nkabom Mmofra Foto (UNICEF) ne Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde (WHO) no retwe adwene asi ntetee a ɛbɛma mmea (ne mmarima) abɛyɛ awogyefo a wɔn ho akokwaw so.

Wɔ aman a nnuruyɛfo ho yɛ na wɔ hɔ mu no, awogyefo a wɔatete wɔn betumi agye nkurɔfo nkwa. UNICEF dwumayɛni Oduruyɛfo France Donnay ne Anne Thompson a ɔyɛ ɔfotufo ma WHO ka kyerɛɛ UN Radio nnansa yi ara sɛ, tumi pii a wɔde ama awogyefo a wɔatete wɔn no afi ase de nkɔso reba. Sɛ nhwɛso no, wɔkae sɛ wɔ Afrika aman pii mu no, ko a mmea ko tɔ wɔ awo mu no so atew koraa fi bere a wɔmaa awogyefo kwan sɛ wonyi awo akyi ade a ɛmma wɔ awo akyi no. Nkɔso a ɛte saa ara rekɔ so wɔ Indonesia, baabi a wɔde asi wɔn ani so sɛ wɔbɛtete awogyefo baanu ama akuraa biara no. Ɛde besi saa bere yi no, awogyefo 55,000 na wɔatete wɔn ama wɔkɔ.

UN Radio dwumadi Perspective kae sɛ: “Wɔ aman a wodi yiye mu nso, awogye ho ntetee rekɔ so wɔ hɔ.” Aman te sɛ France, Netherlands, Sweden, ne United Kingdom annyae awogye ntetee ho nhyehyɛe no da, na wɔ United States no, wɔresan de aba hɔ. Anne Thompson a n’ankasa yɛ ɔwogyefo no kae sɛ, saa aman yi bu awogyefo, esiane sɛ wotu wɔn ho si hɔ de mmoa ma daa nti. “Anyɛ yiye koraa no etumi gye nnɔnhwerew 24 na wɔagye awo biako, na nnuruyɛfo nni bere a wɔde begyina hɔ kwa nnɔnhwerew 24.” Nanso ɔde kaa ho sɛ, ade biako a ɛmma asiane biara mma abawo mu ne sɛ “obi a ɔwɔ tema, nimdeɛ, ne ntease na obetumi ama nea ɔrewo no awerɛhyem wɔ hɔ.”

Bio nso Perspective ka sɛ “afe biara mmea ɔpepem 60 na nea ogye wɔn awo no yɛ obusuani bi nkutoo, ɔwogyefo a onni ntetee biara—anaa obiara mpo nni hɔ koraa a ɔbɛhwɛ wɔn.” UN rebɔ mmɔden sɛ ɛbɛsakra eyi. Nea edi kan no, WHO kaa asɛm a ɛne “Ɛnayɛ a Asiane Biara Nnim” ho asɛm sɛ 1998 Wiase Nyinaa Akwahosan Da no asɛmti. Oduruyɛfo Donnay ka sɛ: “Yenim sɛ yɛrennu botae no ho wɔ mfe 2 anaa 3 a ɛda yɛn anim mu.” Nanso, wɔn botae ne sɛ wobenya “ɔwogyefo a ne ho akokwaw ama ɔbea biara a ɔrewo.”

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 31]

UN/J. Isaac

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena