So Wunim?
(Wubetumi anya nsɛmmisa a wɔde sɔ adwene hwɛ yi ho mmuae wɔ Bible kyerɛw nsɛm a wɔde ama no mu, na wɔatintim mmuae no nyinaa wɔ kratafa 16. Sɛ wopɛ ho nsɛm afoforo a, hwɛ “Insight on the Scriptures” nhoma a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wɔyɛe no mu.)
1. Asɛm bɛn na na wɔtaa de gyina hɔ ma Yerusalem ne wɔn a wɔte mu no? (Sakaria 9:9)
2. Bere a Paulo wiee n’asɛmpatrɛw akwantu a edi kan no, kurow a po so hyɛn gyina hɔ bɛn mu na ɔfae bere a ɔresan afi Asia Kumaa akɔ Antiokia, Siria no? (Asomafo no Nnwuma 14:25, 26)
3. Mmarima baanu bɛn ho na mmusuakuw du ahemman no mu kyɛe bere a na wɔrepɛ obi ayɛ Israel hene a ɔto so asia no? (1 Ahene 16:21, 22)
4. Ahwɛe a ɛto so abiɛsa bɛn na Ɔhene Balak de odiyifo Bileam kɔe bere a na ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛma wadome Israel no? (Numeri 23:28)
5. Yakob mma 12 no mu hena na na wɔkyerɛ ne din ase “Aba Yiye”? (Genesis 30:11)
6. Kaesare bɛn na Paulo de n’asɛm kɔdanee no a akyiri yi ɔmaa kwan ma wokum Paulo no? (Hwɛ Asomafo no Nnwuma 25:11, 21, NW ase hɔ asɛm.)
7. Dɛn na na ɛsɛ sɛ wɔde ka biribiara a wɔde bɛbɔ afɔre ama Yehowa wɔ afɔremuka no so no ho? (Leviticus 2:13)
8. Sɛnea Yesu nkɔmhyɛ no kyerɛ no, adwuma a ɛho hia bɛn na wɔbɛyɛ ansa na nneɛma nhyehyɛe yi aba n’awiei? (Mateo 24:3, 14)
9. Yudafo ɔsram bɛn mu na Nehemia wiee Yerusalem ɔfasu a wɔde nna 52 san si wiei no? (Nehemia 6:15)
10. Dɛn nti na mmea no san kɔɔ Yesu ɔda no so bere a na wɔde no akɔto hɔ na wɔasɔ ɔboda no ano akyi nnanu? (Luka 23:55–24:3)
11. Yudafo ɔsram bɛn mu na Salomo sii asɔrefie no wiei? (1 Ahene 6:38)
12. Bere a Dawid tee sɛ ɔne Bat-Seba abakan no awu no, dɛn na ɔyɛe? (2 Samuel 12:20-23)
13. Yesu bere so no, dɛn na na ɛma nnipa bi tumi yɛ nneɛma a ɛboro nnipa ahoɔden so? (Marko 5:3, 4, 15)
14. Sɛnea ɔsomafo Paulo kyerɛ no, mfaso bɛn na ɛwɔ so sɛ yɛbɛma kwan ma wɔnam asotwe so atete yɛn? (Hebrifo 12:11)
15. Nea ɛnte sɛ nnomaa afoforo pii no, anomaa bɛn na n’aniwa abien no nyinaa hwɛ faako a enti ɛma otumi de n’aniwa abien no nyinaa hwɛ ade prɛko? (Dwom 102:6)
16. Nea ɛnte sɛ wiase agyapade no, dɛn na ɛho behia wɔ Onyankopɔn abufuw da no? (Mmebusɛm 11:4)
17. Suban bɛn na Yesu kae sɛ ɛsɛ sɛ yɛda no adi sɛ Onyankopɔn asomfo bere a yɛayɛ adwuma a wɔde ahyɛ yɛn nsa awie no? (Luka 17:9, 10)
18. Adeyɛ a ɛda akokoduru adi bɛn na Ɔhene Asa yɛe wɔ ‘asera honi’ a na ne nanabea Maaka ayɛ no ho? (1 Ahene 15:13)
19. Dɛn nti na Yesu hyɛɛ wɔn a wɔasoa nnosoa abrɛ no sɛ wɔmfa ne kɔndua nto wɔn ho so? (Mateo 11:30)
20. Ɛhefa na Mose gyina hwɛɛ Bɔhyɛ Asase no, na afei owui? (Deuteronomium 32:49, 50)