Afrika Atɔe Fam Kaprɛ Bi a Ɛda Nsow
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ SIERRA LEONE HƆ
SO WOAHU sika a ɛte sɛɛ bi pɛn? Ɛyɛ Kissifo kaprɛ no. Wɔde nkaprɛ yi bi agu Tete Nneɛma Akorae a ɛwɔ Sierra Leone wɔ Freetown no ma nkurɔfo kɔhwɛ. Tete nneɛma ho kyerɛwtohɔ krataa no ka sɛ: “Wonim sika titiriw yi wɔ Sierra Leone ne Liberia nyinaa. Wodii saa sika yi wɔ amansin no mu de besii 1945 yi ara. Esiane sɛ na ɛyɛ eti (ano ano a ɛyɛ kurukuruwa) ne nan (ano ano a ɛyɛ apɔwapɔw) ho sɛnkyerɛnne nti, na wɔka sɛ honhom wɔ sika no mu. Sɛ ɔhene bi wu a, na wobubu sika no pii bobɔ n’adamoa mu. Bere a etwa to koraa a wodii no, na wɔsesa nea esua koraa a ɛyɛ Kissi 50 de gye Afrika Atɔe fam Siren biako.”
Sɛnea The African Slave Trade nhoma a Basil Davidson kyerɛwee ka no, tete no, na wɔde “dade a wɔasusuw” tɔ nkoa. So na eyinom yɛ Kissi nkaprɛ no bi? Nhomanimfo bi ka sɛ yiw. Ebinom nso kura adwene foforo. Ɛwom sɛ ebia na wɔmfa nkaprɛ yi ntɔ nkoa de, nanso ɛda adi sɛ na wɔde tɔ yerenom.
Sɛnea yɛadi kan aka no, ɛtɔ mmere bi a, na wɔde nkaprɛ yi di dwuma wɔ ɔsom mu, ne titiriw no, ɛdefa ɔkra a enwu da nkyerɛkyerɛ a ennyina Kyerɛwnsɛm so no ho. Na wobu no sɛ ɛfata sɛ sɛ obi wu a, wosie no wɔ ne kurom. Ɛwom, sɛ onipa no wuu wɔ akyirikyiri a, na ɛnyɛ mmerɛw sɛ wɔde efunu no bɛkɔ ne kurom. Na ano aduru ara ne sɛ wɔnam Kissi kaprɛ no so de nea wawu no kra bɛkɔ fie. Na nea wawu no busuani tu kwan kɔ akuraa a owui no ase kogye kaprɛ fi kɔmfo bi a wɔkyerɛ sɛ sɛ ɔkankye gu so a, ɔma nea wawu no kra behyem no nkyɛn. Afei na ɛsɛ sɛ obusuani no fa nea wawu no kra (kaprɛ no) kɔ fie na wokosie no wɔn nenanom asiei.
Obusuani no de ntamasin a ani tew kyekyere kaprɛ no na osim kɔ fie a ɔnkasa obiara ho. Na wogye di sɛ sɛ ɔkasa obi ho a, owufo no kra no befi kaprɛ no mu asan akɔ akuraa a owui wɔ ase no. Sɛ ɛba saa a na ɛsɛ sɛ obusuani no kɔ akuraa no ase bio kogye ɔkra no—a na akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ ɔsan tua ɔkɔmfo no ka!
Sɛ na obusuani no betumi akasa bere a ɔrekɔ ne kurom no a, na ɛsɛ sɛ ɔde kaprɛ no to biribi so wɔ fam ansa na wakasa. Sɛ onya fa kaprɛ no pɛ a, ɛnsɛ sɛ ɔkasa bio.
Esiane sɛ na Kissi kaprɛ no kɛse yɛ nsateakwaa 13 kosi 14 no nti, na ɛnyɛ mmerɛw sɛ obi betumi de ahyɛ ne bɔtɔ mu anaa ne sika kotoku mu. Nanso, na ne kɛse no fata wɔn bere no, esiane sɛ na ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛkyekyere de asoa nti. Na adefo de sika yi gu wɔn abansoro dan mu. Wɔ mmere a wim tebea ye no, na bosu fɔw sika no ma nsu no sɔn gu ɔdan a ɛwɔ ase no mu. “Nsu” dodow a ɛbɛsɔn agu ɔdan no mu no na ɛbɛkyerɛ ampa sɛ nea wote ne fie no wɔ sika.