Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 7/8 kr. 27
  • Dua Bi a Ɛto Dwom

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dua Bi a Ɛto Dwom
  • Nyan!—1999
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wogyinaa Wɔn Honam Mu Nsɔe Ano
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Dua a Wɔatwa Bɛtumi Afefɛ Bio?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • “Ɔhonam Mu Nsɔe” a Na Ɛreteetee Paulo
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2019
Nyan!—1999
g99 7/8 kr. 27

Dua Bi a Ɛto Dwom

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ KENYA HƆ

DUA bi si Afrika sare tɛtrɛɛ no so a ɛtaa to dwom. Dua no yɛ ɔkanto dua bi a wɔfrɛ no nsɔe a ɛbɔ hwirema. Dɛn ntia? Efisɛ sɛ mframa bɔ fa ne nnubaa a ɛyɛ hare no mu a, ɛte sɛ nea dua no bɔ hwirema.

Sɛ dua no ho nsɔe ateateaa no di ahim wɔ mframa mu a, ɛma wɔte nne bi a ɛkanyan anigye. Nea ɛka nsɔe no nnwonto no ho ne dua no mu ntokuru a ɛma ɛnne nnyigyei te sɛ nea efi toa a enni ntuano a mframa refa ano mu ba no. Ntɛtea a wɔkyerɛ sɛ wotutu ntokuru nkuruwankuruwa a wɔtra mu no na wɔyɛ saa “nnwinade” yi, na wotu ntokuru a wɔfa mu kɔ mu na wotumi fa mu pue. Esiane sɛ ntokuru no kɛse gu ahorow nti, ɛma nnyigyei a egu ahorow. Saa nnyigyei yi ka ho bi na ɛma nsɔe no hwirema no da nsow koraa na ɛyɛ anika no.

Saa dua yi kae yɛn Odwontofo no nsɛm a ɔkaa no sɛnkyerɛnne kwan so no: ‘Petee mu nnua nto ahosan nnwom Yehowa anim.’ (Dwom 96:12,13) Nokwarem no, sɛ mframa bɔ nsɔe no ne ntokuru a ɛte sɛ atɛntɛbɛn no mu a, ɛma nnyigyei a ɛyɛ ahomeka, Afrika dwom a ɛka koma.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena