Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 3/8 kr. 32
  • Ɛboaa no Ma Ohuu Nea na Ɔrehwehwɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛboaa no Ma Ohuu Nea na Ɔrehwehwɛ
  • Nyan!—1999
Nyan!—1999
g99 3/8 kr. 32

Ɛboaa no Ma Ohuu Nea na Ɔrehwehwɛ

ASETRA mu ayɛ den ama nnipa pii wɔ wiase nyinaa, na ebinom rehwehwɛ nea enti a aba saa no mu. Ɔbarima bi a wadi mfe 35 na ɔwɔ mma baanu kyerɛwee wɔ Grodno Belarus kurow mu sɛ:

“Ɔbea bi gyinaa me wɔ kwan so na ɔmaa me Nyan! nsɛmma nhoma no bi. Na minnim nea saa nsɛmma nhoma no ka, nanso esiane sɛ na ɛyɛ fɛ na ɛtwetwe adwene nti, migyei. Bere a mebaa fie no, mehwɛɛ nsɛm a ɛwɔ mu no, na m’ani gyee ho.

“Minni nyamesom mu gyidi. Nanso, wɔ mo nhoma no mu no, minyaa nsɛmmisa pii a na ɛkyere m’adwene no ho mmuae a ɛtɔ asom. Asetra no nna fam mma yɛn nnɛ, na yehia Bible no mmoa titiriw. Mɛpɛ sɛ mobɛkyerɛ me Nyankopɔn ne ne nkyerɛkyerɛ ho ade pii. Efi bere tenten ni, na mahwehwɛ nsɛmmisa pii ho mmuae, na mo nhoma no aboa me ama mahu nea merehwehwɛ.”

Nhoma a ɛsom bo a aboa nnipa ɔpepem pii ne nhomawa a ekura nkratafa 32 Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw?—Wobɛyɛ Dɛn Ahu? Wo nsa betumi aka bi denam krataa a ɛka ho no a wobɛhyehyɛ akɔma address a wɔde ama no anaa address a ɛwɔ nsɛmma nhoma yi kratafa 5 no mu nea ɛfata no so.

□ Momfa Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw?—Wobɛyɛ Dɛn Ahu? nhomawa no bi mmrɛ me.

Kyerɛ kasa ko

□ Mesrɛ sɛ mo ne me mmɛyɛ Bible adesua a wontua ho hwee.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena