Gyinae Worennu Wo Ho Sɛ Wusii
MMARIMA ne mmea ɔpepehaa a wɔwoo wɔn wɔ Wiase Ko II no akyi no abɛyɛ mmasiriwa seesei. Ɛwom sɛ wɔn mu pii koma atɔ wɔn yam wɔ nea wɔatumi ayɛ ho de, nanso ebinom nso te nka sɛ wɔadi nkogu. Wɔawareware, ayeyɛ nnwuma, awowo mma, na wɔatete mmofra, na ebinom awofo awuwu agya wɔn. Ɛnnɛ, bere a wofuw dwen, wɔn mu yɛ duru, na wɔn nkotodwe fi ase kasa no, wɔn mu binom te nka sɛ wɔantumi annu wɔn botae horow ho wɔ asetra mu. Ebia wofi abasamtu mu bebisa sɛ, ‘Dɛn nti na yɛte ase?’ Ebetumi aba sɛ wo nso woabisa saa asɛm no pɛn.
Akyinnye biara nni ho sɛ mfaso kɛse wɔ so sɛ bere ne bere mu no, wubesusuw w’asetra ho. Nanso, gyinaesi bi a atwam a woanu wo ho wɔ ho no ho adwennwen betumi ama woayɛ basaa. Sɛ́ anka wobɛka akyerɛ wo ho sɛ, ‘Mihui a anka . . . ,’ no, hwɛ mfaso a ɛwɔ so sɛ wode w’adwene besi gyinae a nyansa wom a wubetumi anya hokwan asisi no daakye no so mmom. Gyinaesi a ɛtete saa no biako ne sɛ wobɛhwehwɛ nsɛm a ɛma asetra atirimpɔw ho nsɛmmisa ho mmuae mu. Enti yɛhyɛ wo nkuran sɛ kenkan So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa? nhomawa no. Yɛn nkuranhyɛ yi a wubegye atom no yɛ gyinae a worennu wo ho sɛ wusii.
Sɛ wohyehyɛ krataa a ɛwɔ ase ha yi de mena address a ɛwɔ ha yi anaa address a ɛwɔ nsɛmma nhoma yi kratafa 5 no mu nea ɛfata a, wo nsa betumi aka nhomawa a ekura nkratafa 32 yi bi.
□ Momfa So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa? nhomawa no bi mmrɛ me.
□ Mesrɛ sɛ mo ne me mmɛyɛ ofie Bible adesua a wontua ho hwee.