Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g99 2/8 kr. 20
  • So Wunim?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wunim?
  • Nyan!—1999
Nyan!—1999
g99 2/8 kr. 20

So Wunim?

(Wubetumi anya nsɛmmisa a wɔde sɔ adwene hwɛ yi ho mmuae wɔ Bible kyerɛw nsɛm a wɔde ama no mu, na wɔatintim mmuae no nyinaa wɔ kratafa 23. Sɛ wopɛ ho nsɛm afoforo a, hwɛ “Insight on the Scriptures” nhoma a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wɔyɛe no mu.)

1. Ɛdenam Onyankopɔn honhom so no, dɛn na afeha a edi kan mu Kristofo no tumi yɛe a ɛboaa wɔn ma wotumi kyerɛkyerɛe na ɛsan yɛɛ sɛnkyerɛnne maa wɔn a wonnye nni no? (1 Korintofo 12:30)

2. Dua bɛn ahaban na aborɔnoma no san de bɛkyerɛɛ Noa? (Genesis 8:11)

3. Edin bɛn na na wɔde frɛ baabi wɔ Sinai Asase Hwene no atifi fam atɔe a Bible bɔ din mpɛn asia a etumi gyina hɔ ma kurow bi, ɔmantam bi, abannennen ahorow bi a ɛwɔ hye so, anaa mmepɔw bi no? (Genesis 25:18)

4. Bere a Absalom bɛyɛɛ oguanfo mfe abiɛsa no, hena na Yoab nam ne so de adesrɛ kɔtoo Ɔhene Dawid anim maa Absalom? (2 Samuel 14:4)

5. Ná Ɔhene Ahasweros ahemman no kɔpem asase bɛn so wɔ atɔe fam? (Ester 1:1)

6. Wɔ Nsiesiei ho nkɔmhyɛ ahorow mu no, nnua bɛn na wɔkaa ho asɛm siei sɛ ebesi “nsɔe” ne “akraate” ananmu? (Yesaia 55:13)

7. Sobo bɛn na Yudafo no bɔɔ Paulo wɔ Akaia amrado Galio anim, na dɛn nti na Galio bɔɔ asɛm no gui? (Asomafo no Nnwuma 18:12-17)

8. Ɔkwan bɛn so na Bible no kyerɛkyerɛ awufo tebea mu? (Asomafo no Nnwuma 7:60)

9. Mpanyimfo 70 a wɔpaw wɔn sɛ wɔmmoa Mose no mu baanu bɛn na wɔankɔ ahyiae ntamadan no mu bi? (Numeri 11:14-17, 24-26)

10. Kurow bɛn na na ɛda Efraim ne Manase hye so a wɔde maa Efraim, bere a wɔde baabi a ɛbɛn hɔ a na ekura din koro no ara maa Manase no? (Yosua 16:8)

11. Dɛn ne Hela nkyerɛwde anan a edi kan no?

12. Sɛnea Bible kyerɛwtohɔ kyerɛ no, dɛn na na wɔde bɔ afɔre wɔ “Apiti da a edi kan” no? (Marko 14:12)

13. Yosia ba bɛn na Farao Neko de no sii ahengua so wɔ Yuda na ɔfrɛɛ no Yoiakim? (2 Ahene 23:34)

14. Nsamhyɛ dwennini a wɔde bɔɔ afɔre a Mose de mogya no bi kaa Aaron ne ne mmabarima no mu biara nan nifa kokurobeti no gyinaa hɔ maa dɛn? (Leviticus 8:22-24)

15. Ná hena ne Yosua agya? (Nehemia 8:17)

16. Ná hena ne Isebel agya? (1 Ahene 16:31)

17. Abusuakuw bɛn na bere a wɔantumi ammɔ asɛmfua “Shibolet” no, wokunkum wɔn nkurɔfo 42,000? (Atemmufo 12:1-6)

18. Ɔsɔfo panyin bɛn na ɔkaa treneeni Hana anim, dii mfomso susuw sɛ wabow no? (1 Samuel 1:12-15)

19. Wɔ Onyankopɔn Mmara a ɔde maa Israel no mu no, dɛn na na wogye fi owifo hɔ? (Exodus 22:1-4)

20. Dua bɛn na wɔde dii dwuma kɛse bere a wɔresi asɔrefie no? (1 Ahene 6:9-20)

21. Dɛn na Onyankopɔn ntumi nyɛ? (Hebrifo 6:18)

22. Hena ne Onyankopɔn Tamfo kɛse? (Sakaria 3:1)

23. Dɛn na Amos hui wɔ anisoadehu mu sɛ Yehowa kura a na ɛkyerɛ sɛ Israel akyea wɔ honhom fam? (Amos 7:7-9)

24. Dɛn na Mmebusɛm nhoma no de ɔbea a ne ho yɛ fɛ a onnim nyansa toto ho? (Mmebusɛm 11:22)

25. Asuafo baahe na Yesu somaa wɔn ma wɔkɔfaa afurum ba a ɔtraa so kɔɔ Yerusalem no bae? (Marko 11:1)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena