So Wunim?
(Wubetumi anya nsɛmmisa a wɔde sɔ adwene hwɛ yi ho mmuae wɔ Bible kyerɛw nsɛm a wɔde ama no mu, na wɔatintim mmuae no nyinaa wɔ kratafa 28. Sɛ wopɛ ho nsɛm pii a, hwɛ “Insight on the Scriptures” nhoma no a Watchtower Bible and Tract Society of New York Inc., na wɔyɛe no mu.)
1. Hena na wɔhyɛɛ no maa ɔsoaa Yesu asɛndua no bi boaa no? (Mateo 27:32)
2. Asɛm bɛn na Onyankopɔn de dii dwuma bɛboro mpɛn 90 de kaa Odiyifo Hesekiel ho asɛm de kyerɛɛ sɛ na ɔyɛ onipa ara kwa? (Hesekiel 2:1)
3. Sɛnea wɔada no adi wɔ Mmara no mu no, kuadwuma adwinnade bɛn na Yehowa hui sɛ wobetumi de adi dwuma sɛ akode? (Exodus 21:18, NW)
4. Dɛn so na Paulo kae sɛ ɛsɛ sɛ adɔe nnwuma gyina, na ama ɔmafo no anya so mfaso? (1 Korintofo 13:3)
5. Dɛn na Yesu ka siei sɛ Petro bɛyɛ mprɛnsa saa da no ansa na akokɔ abɔn? (Luka 22:34)
6. Israel abusuakuw bɛn na wonyaa wɔn asase wɔ Yordan apuei ne atɔe nyinaa? (Yosua 13:29; 17:5)
7. Dɛn na Yesu kae sɛ ɛsɛ sɛ obi yɛ na ama wayɛ ɔkɛse ankasa? (Luka 9:48)
8. Dɛn nti na Samson waree Filistini bea? (Atemmufo 13:25–14:4)
9. Ɛwom sɛ na wɔakunkum Haman mmabarima du dedaw de, nanso dɛn na Ester bisae? (Ester 9:13)
10. Ná wɔfrɛ Babilon ne Persia ahemman no mu amantam sodifo atitiriw no dɛn? (Daniel 6:1)
11. Dɛn na Yesu kae sɛ wɔbɛyɛ wɔ “ahohiahia kɛse” no nna no ho na ama wɔagye ɔhonam bi nkwa? (Mateo 24:21, 22)
12. Bere a na Yosef rebewu no, dɛn ho awerɛhyem na ɔde maa Israel mma no? (Genesis 50:24; Hebrifo 11:22)
13. Ná hena ne ahemman a edi kan wɔ Nsuyiri no akyi no kyekyefo ne ne hene? (Genesis 10:8-12)
14. Hena nkyɛn na Ɔhene Omri tɔɔ Samaria bepɔw dwetɛ dwetikɛse abien, ansa na ɔde reyɛ n’ahenkuro no? (1 Ahene 16:24)
15. Kurow bɛn so na wodii mfomso buu Paulo ne Barnaba sɛ anyame Hermes ne Seus no? (Asomafo no Nnwuma 14:8-12)
16. Bere a Dawid ne ne mmarima guan fii Yerusalem wɔ Absalom atuatew mu no, hena na na ɔnam bepɔw no ntentenso so retotow abo ne mfuturu gu wɔn so no? (2 Samuel 16:13)
17. Asubɔnten bɛn ano na Daniel nyaa anisoadehunu a ɛfa atifi ne anafo fam ahemfo no ntam ntawntawdi no ho no? (Daniel 10:4)
18. Beae pɔtee bɛn na wɔtoo Babel abantenten no? (Genesis 11:2)
Nsɛmmisa a Wɔde Sɔ Adwene Hwɛ no Ho Mmuae.
1. Simon a ofi Kirene
2. “Onipa ba”
3. Asɔw
4. Ɔdɔ
5. Ná ɔbɛpaw Yesu
6. Manase
7. “Sɛ akumaa”
8. Ná ɔreyɛ ade a ɛne Onyankopɔn honhom no akwankyerɛ hyia; na aware a ɛte saa bɛma wanya hokwan de adi ako atia Filistifo no
9. Te sɛ wɔn agya no, wɔnsensɛn wɔn dua so mfa ngu wɔn anim ase wɔ nnipa no anim
10. Amantam ahene
11. Wobetwa nna no so tiaa
12. Tu a na wobetu afi Misraim akɔ Bɔhyɛ Asase no so
13. Nimrod
14. Semer
15. Listra
16. Simei Benyaminni no
17. Tigris (Hidekel)
18. Sinear