So Wunim?
(Wubetumi anya nsɛmmisa a wɔde sɔ adwene hwɛ yi ho mmuae wɔ Bible kyerɛw nsɛm a wɔde ama wɔ kratafa 25 no mu. Sɛ wopɛ ho nsɛm foforo a, hwɛ “Insight on the Scriptures” nhoma no a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wɔyɛe no mu.)
1. Edin foforo bɛn na wɔde frɛɛ Galilea Po, a wonya fii kurow a na ɛda n’atɔe fam mpoano no mu no? (Yohane 6:1; 21:1)
2. Ɛhe na Dawid mmarima akofo 600 no mu 200 gyaee akodi esiane ɔbrɛ nti bere a na wɔretĩ Amalekfo a wobetuaa wɔn faa Dawid yerenom baanu no? (1 Samuel 30:9, 10)
3. Dɛn na Rahab de kataa Israel akwansrafo baanu no so de wɔn hintawee? (Yosua 2:6)
4. Dɛn na Paulo kae sɛ ɛbɛboa Kristofo ma ‘wɔatumi asom Nyankopɔn sɛnea ɛsɔ n’ani’? (Hebrifo 12:28)
5. Sɛnea Mose Mmara no kyerɛ no, dɛn na na ɛsɛ sɛ owura bi yɛ bere a akoa bi mpɛ sɛ ɔfa ne ho kodi no? (Exodus 21:6)
6. Edom kurow bɛn na ɛbɛyɛɛ baabi a nyansa wɔ? (Yeremia 49:7)
7. Dua bɛn na wɔde yɛɛ Salomo asɔrefie no Kronkron mu Kronkronbea apon no? (1 Ahene 6:31-33)
8. Sɛnea Mmebusɛm 6:17-19 kyerɛ no, nneɛma ason bɛn na Yehowa kyi?
9. Hebri nkyerɛwde no mu nea ɛwɔ he na etwa to? (Dwom 119:169, atifi asɛm)
10. Dɛn na Paulo kae sɛ ɛto wɔn a wogu no nkyekye mu, bere a wɔde wɔn toto wɔn a wogu no nhyira so ho no? (2 Korintofo 9:6)
11. Bere a na Satan retwa Yehowa mpoa sɛ onyi ne nhyira mfi Hiob so no, dɛn na ɔkyerɛe sɛ Hiob bɛyɛ? (Hiob 1:11)
12. Dɛn na ɛbɛba “abɔnefo din” so? (Mmebusɛm 10:7)
13. Bere a Yesu saa akwatafo du yare no, wɔn mu baahe na wɔankyerɛ anisɔ? (Luka 17:17)
14. Dɛn ade na Israelfo yɛe ansa na Yeriko afasu no redwiriw agu? (Yosua 6:5)
15. Anohyeto ahorow bɛn na wɔde maa Israelfo a na wokopue anomaa a obutuw mma so no? (Deuteronomium 22:6, 7)
16. Dɛn nti na Israelfo nyaa Yehowa anim dom titiriw? (Yesaia 41:8)
17. Mmapɔmma baahe na wɔsomee sɛ Ɔhene Ahasweros afotufo bere a na ɔrebu Ɔhemmaa Wasti atɛn no? (Ester 1:14)
18. Afɔre a na wɔbɔ ma Yehowa a na asomfo no mfa bi. (Leviticus 1:4)
19. Nneɛma abien bɛn na Paulo kae sɛ ɛsɛ sɛ obi yɛ na wanya nkwa? (Romafo 10:9)
20. Bere tenten bɛn na Salomo de sii asɔrefie no? (1 Ahene 6:1, 38)
21. Nea ɛbɛyɛ na ɔtamfo a wɔafa no nnommum annya ahoɔden wɔ tete mmere mu no, dɛn na na ɛtɔ mmere bi a wɔyɛ? (Atemmufo 1:6)
22. Ɛhe na Mose dii kan koraa Mmara abopon no so? (Deuteronomium 10:1-5)
23. Bible mu nhoma bɛn na ɛka Petro ne Paulo dwumadi ho asɛm titiriw?
24. Ná abaawa a ɔtee Petro nne a wamma no amma mu, na mmom ɔde anigye mmoroso kɔka kyerɛɛ afoforo sɛ Petro gyina pon no ano no din de dɛn? (Asomafo no Nnwuma 12:13, 14)
[Kratafa 25 adaka]
Nsɛmmisa no Ho Mmuae
1. Tiberia Po
2. Besor subɔn ho
3. Siwabiri
4. “Fɛre ne ahodaso”
5. ‘Ɛsɛ sɛ ɔde fitii fiti n’asom’
6. Teman
7. Ngodua
8. “Ani a ɛtra ntɔn, atoro tɛkrɛma, ne nsa a ehwie mogya a edi bem gu; koma a edwen mmusu adwene, nan a ɛyɛ hare tu mmirika kɔ bɔne mu; ɔdansekurumfo a ohuw atosɛm, ne nea ɔhyɛ anuanom ntam takrawogyam.”
9. Taw
10. Wobetwa so aba sɛnea ɛsɛ
11. Ɔbɛdome Yehowa
12. Ɛbɛporɔw
13. Baakron
14. Wɔteɛɛm
15. Ná wobetumi afa mma no, na wɔagyaa ɛna no
16. Ná wɔyɛ Yehowa adamfo “Abraham asefo”
17. Baason
18. Ɔhyew afɔre
19. Ɛsɛ sɛ obi de n’ano pae mu ka sɛ Yesu ne Awurade, na ogye di sɛ Onyankopɔn nyanee Yesu fii awufo mu
20. Mfe ason
21. Ná wotwitwa ne nsa ne ne nan kokurobeti
22. Wɔ adaka a wɔde ɔkanto nnua yɛe no mu
23. Asomafo no Nnwuma
24. Rode