Nyan!—“Adwinnade a Ɛsom Bo na Ɛho Hia”
“ME DA MO ASE wɔ asɛm a na n’asɛmti ne ‘RSD—A Puzzling, Painful Disorder’ (‘RSD—Yare a Ɛyɛ Hu, na Ɛyɛ Yaw’) a na ɛwɔ September 8, 1997, Engiresi de no mu no ho. Sɛ́ asɛnnibea sɛnkyerɛwfo no, wɔtaa ma meyɛ nsɛm a egu ahorow na asete yɛ den ho kyerɛwtohɔ. Nnansa yi mekyerɛw adwene a obi a ɔhwɛ ma onipa tra nkwa mu wɔ oprehyɛnyɛ mu a waben wɔ ɛyaw ho dwumadi mu kura ho asɛm. Na asɛm no nyinaa fa RSD [Reflex Sympathetic Dystrophy (Ehon Nkwaadɔm mu Yaw)] ho. Esiane sɛ mekenkan Nyan! daa nti, metee asɛmfua no ne akwan a wɔfa so sa a wɔkyerɛkyerɛɛ mu yiye wɔ September de mu no ase ntɛm ara. Akyiri yi mitumi kaa asɛm yi mu nsɛm no kyerɛɛ mmaranimfo a na wɔredi asɛm no ho dwuma no.
“Mibu Nyan! sɛ adwinnade a ɛsom bo na ɛho hia wɔ me nhomasua mu. Ɛma mete nneɛma pii ase.—G. M. A.”
Sɛ wopɛ sɛ wo nsa ka Nyan! a ɛba nnansa yi a seesei wotintim wɔ kasa ahorow 81 mu no a, yɛsrɛ sɛ hu Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam anaasɛ kyerɛw address a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 5 no mu nea ɛbɛn wo no.