So Wunim?
(Wubetumi anya nsɛmmisa a wɔde sɔ adwene hwɛ yi ho mmuae wɔ Bible kyerɛw nsɛm a wɔde ama wɔ kratafa 18 no mu. Sɛ wopɛ ho nsɛm foforo a, hwɛ “Insight on the Scriptures” nhoma no a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wɔyɛe no mu.)
1. Henanom na ‘wɔbɔɔ ose’ bere a Onyankopɔn ‘hyɛɛ’ asase ase no? (Hiob 38:4-7)
2. Dɛn na ɛremma Onyankopɔn Ahenni so da? (Daniel 2:44)
3. Dɛn na Dawid de ne ho totoe de kyerɛe sɛ ɛmfata sɛ Saul tiw no? (1 Samuel 24:14)
4. Dɛn so na ɔbɔfo a ɔto so ason no hwiee Onyankopɔn abufuw kuruwa no gui? (Adiyisɛm 16:17)
5. Dɛn nti na wɔfrɛ Yakob asefo Israelfo? (32:28)
6. Nsu bɛn na ɛyɛ nkyenenkyene sen biara wɔ asase so? (Hwɛ Genesis 14:3.)
7. Dɛn nti na wotu Kristofo fo sɛ wɔmmɔ mpae “mma ahene ne wɔn a wodi tumi nyinaa”? (1 Timoteo 2:1, 2)
8. Hebri asɛmfua bɛn na Yesu de dii dwuma bere a na ɔresa ɔsotifo bi a ontumi nkasa yare no? (Marko 7:34)
9. Beae bɛn na Yesu yɛɛ n’anwonwade a edi kan no? (Yohane 2:11)
10. Edin foforo bɛn na wɔde maa Esau? (Genesis 36:1)
11. Aboa bɛn na Yesu de yɛɛ mfatoho de kyerɛɛ ɔpɛ a ɔwɔ sɛ ɔbɛboaboa Yerusalem asowuifo no ano? (Luka 13:34)
12. Adwinnade bɛn na wɔde sew nneɛma a wɔde saa adwinnade no ara yɛe ano? (Mmebusɛm 27:17)
13. Beae bɛn na ɔsomafo Yohane huu Oguammaa no ne 144,000 no sɛ wogyina wɔ anisoadehu mu? (Adiyisɛm 14:1)
14. Hena na ɔde wɔn a wɔnyɛ Yudafo a na ɛsɛ sɛ wotwa wɔn twetia no ho asɛm a emu yɛ den kɔɔ sodikuw a na ɛwɔ Yerusalem no anim? (Asomafo no Nnwuma 15:2)
15. Ná ɛhe ne Israel kusuu fam mmusuakuw du ahemman no ahenkurow? (1 Ahene 16:29)
16. Dɛn ne “aboa” no akontaahyɛde? (Adiyisɛm 13:18)
17. Dɛn nti na Seba hemmaa no kɔɔ Yerusalem? (1 Ahene 10:4)
18. Yuda hene bɛn na na ɔyɛ nokware som ho nsi araa ma oyii ne nenabea fii ne gyinabea wɔ ahenni no mu esiane ‘ohoni huhu’ bi a ɔyɛe nti? (1 Ahene 15:13)
19. Dɛn mu na ɔbɔfo a ɔto so abien no hwiee Onyankopɔn abufuw kuruwa no gui? (Adiyisɛm 16:3)
20. Israel hene tirimɔdenfo bɛn na ɔyɛɛ Tifsa ayayade? (2 Ahene 15:16)
21. Akode bɛn na na mpɛn pii no wɔtow? (Yosua 8:18)
22. Edin bɛn na wɔde maa ɔsram Etanim wɔ Babilon nkoasom mu akyi?
Nsɛmmisa no Ho Mmuae
1. Onyankopɔn mma abɔfo
2. “Wɔrensɛe no”
3. “Ɔkraman dwiw biako”
4. Ahum
5. Efisɛ Onyankopɔn sesaa ne din yɛɛ no Israel
6. Po a Awu
7. “Na yɛatra ase komm”
8. Hefata (ase ne “bue”)
9. Kana
10. Edom
11. Akokɔtan
12. Dade
13. Wɔ ɔsoro Bepɔw Sion so
14. Paulo ne Barnaba
15. Samaria
16. 666
17. Sɛ ɔrekotie Salomo nyansa
18. Asa
19. Ɛpo
20. Menahem
21. Peaw
22. Tishri