‘Na Ɛte sɛ Nea Meredi Ɛwo’
WƆ 1993 mfinimfini mu, wɔ Altus, Oklahoma, U.S.A. no, agya bi a na wahaw a ɔyɛ U.S. Wim Asraafo panyin bɔɔ mpae hwehwɛɛ akwankyerɛ a ɔde bɛboa ne babea a na nsɛmnsɛm aba n’aware mu a na ɔrepɛ agyae aware no. Ade kyee anɔpa no, Yehowa Adansefo baa ne pon ano bɛmaa no September 8, 1993, Nyan!, a ɛkaa “Awaregyae—So Ɛde Asetra a Anigye Kɛse Wom Ba?” ho asɛm no bi.
Ɛwom sɛ na ɔbarima no ani nnye Adansefo ho, na na ontiee wɔn da de, nanso ogyee Nyan! nsɛmma nhoma no ntɛm ara kenkanee. Akyiri yi ɔkaa emu kyerɛw nsɛm ne emu nsɛm kyerɛɛ ne babea no. Ɔkenkan Ɔwɛn-Aban a wɔde kaa Nyan! ho maa no no nso. Ná asɛm bi wɔ mu a ɛkaa no ma osusuw Baasakoro a wagye adi wɔ ne nkwa nna nyinaa mu no ho kɔɔ akyiri. Ohui sɛ ne mpae a ɔbɔ hwehwɛɛ mmoa wɔ ne babea no ho no ho mmuae na wanya no, nanso na ontumi nhu nea enti a Onyankopɔn bɛfa nnipa a wonnye Baasakoro nni so ama ne mpaebɔ ho mmuae. Ɔkae sɛ nokware mu no, Onyankopɔn mfa nnipa a wɔnkyerɛkyerɛ nokware so mma mpaebɔ ho mmuae.
Enti ɛkaa no ma ɔfrɛɛ Yehowa Adansefo wɔ telefon so wɔ wɔn Ahenni Asa so hwehwɛɛ nhoma bi a ɛkyerɛkyerɛ wɔn gyidi wɔ Baasakoro ho no mu kɔ akyiri. Ná ɔbarima a ogyee telefon no so no rekɔ Kristofo mpanyimfo nhyiam bi. Ntɛm ara na ewim sraani panyin no kɔɔ Ahenni Asa no so, baabi a wɔmaa no Wubetumi Atra Ase Daa Wɔ Paradise Wɔ Asase So nhoma no ne So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di? nhomawa no bi.
Saa anadwo no, ɔbarima no kenkan nhomawa no nyinaa. Bere a ɔrekenkan no, n’ani gyei araa ma ɔkae akyiri yi sɛ, na ɛsɛ sɛ ogyina na ɔka kyerɛ ne ho sɛ, ‘Twɛn kakra. Eyi ntumi nyɛ nokware. Eyi yɛ dɛ dodo.’ Nhomawa no de Bible mu nsɛm a ɛkasa tia Baasakoro nkyerɛkyerɛ no dii dwuma yiye araa ma bere a ɔkenkanee no, ɔkae sɛ, “na ɛte sɛ nea meredi ɛwo.” N’adekyee anwummere no, ɔkɔɔ Yehowa Adansefo asafo nhyiam a edi kan, na nea ɔtee no maa n’ani gyei.
Bere a ɔne Yehowa Adansefo wiee ne Bible adesua a edi kan, na wɔkyerɛkyerɛɛ no Bible no adwene wɔ sigaretnom ho fann no, ɔsɛee ne sigaret nyinaa, na wannom bio. Wɔne no yɛɛ Bible adesua mpɛn pii dapɛn biara. Ɔkenkan Baasakoro nhoma no akyi asram abiɛsa, na ogyaee sraadi no, ofii ase ne Adansefo no nyaa baguam asɛnka mu kyɛfa. Asram abiɛsa akyi no, ɔde asubɔ yɛɛ n’ahosohyira ma Yehowa Nyankopɔn no ho sɛnkyerɛnne. Mprempren ɔsom sɛ bere nyinaa somfo.