Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 2/8 kr. 32
  • Russiani Abeawa Bi Anidaso

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Russiani Abeawa Bi Anidaso
  • Nyan!—1998
Nyan!—1998
g98 2/8 kr. 32

Russiani Abeawa Bi Anidaso

Abeawa bi a wadi mfe 15 a ɔwɔ Ukhta, Russia kurow bi a emu nnipa bɛboro 100,000 a ɛwɔ Moscow kusuu fam apuei bɛboro kilomita 1,200, mu no daa ɔpɛ a emu yɛ den a ɔwɔ sɛ obenya asetra pa wɔ asase so no adi. Ɔkyerɛkyerɛɛ eyi mu wɔ krataa a edi hɔ yi a ɔkyerɛw kɔmaa Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Russia no mu:

“M’adamfo bi ka kyerɛɛ me sɛ Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn nhoma no ka Yesu Kristo asetra ho asɛm. M’ani gye mo nhoma, nsɛmma nhoma, ne nhomawa ahorow no ho yiye. Momma menkyerɛkyerɛ nea ɛyɛe a minyaa saa anigye yi mu nkyerɛ mo. Minyaa anigye no wɔ telegram adwumayɛbea bere a mekɔɔ hɔ sɛ merekotua radio ne telefon ho ka no. Ɛhɔ na mihuu kratawa bi wɔ fam. Mefa prapraa ho, fii ase kenkanee kratawa a wɔato din Dɛn Nti na Ɔhaw Ahyɛ Asetra Mu Ma Saa? no.

“Mekenkanee ɔhaw ne amanehunu a nnipa hyia no ho ade, na na wɔayɛ Paradise asetra foforo ho bɔhyɛ no ho mfonini wɔ kratawa no akyi. Mewɔ anidaso sɛ ɛbɛba da bi. Mepɛ sɛ mihu ankasa sɛ nnipa nyinaa wɔ anigye, wɔwɔ abotɔyam, ne akwahosan pa, na afei nso mihu abusuafo a wɔawuwu. . . . Mepɛ sɛ mihu nea ɛsɛ sɛ meyɛ na manya anidaso a ɛne sɛ mɛtra asase so Paradise mu no. Mesrɛ sɛ mommrɛ me nsɛm anaa nhoma bi a ɛka ho nsɛm. Metua ɛne ne mena ho ka no.”

Wo nso wubetumi anya nhoma a ebetumi aboa wo ma woanya paradise asase so asetra ho anidaso a egyina Bible so pintinn no. Sɛ wopɛ sɛ wunya Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? nhomawa no bi anaasɛ wopɛ sɛ obi ba wo fie ne wo bɛyɛ Bible adesua a wuntua hwee a, yɛsrɛ wo kyerɛw, Watch Tower, Box 760, Accra, Ghana, anaa address a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 5 no mu nea ɛfata.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena