Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 1/8 kr. 32
  • “Nyan! na Egyee Me Nkwa”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Nyan! na Egyee Me Nkwa”
  • Nyan!—1998
Nyan!—1998
g98 1/8 kr. 32

“Nyan! na Egyee Me Nkwa”

Arthur a ofi Suva, Fiji, bɔɔ amanneɛ sɛ: “Bɛyɛ anadwo 10:00 wɔ November 11 no, mifii ase tee nka sɛ me koko yɛ me yaw, na mefaa no sɛ ɛyɛ me koko na ɛhyehye me. Ná me yere, Esther, gye di sɛ mereyɛ anya komayare, efisɛ ɔkae sɛ nea na ɛreyɛ me no te sɛ nea wɔaka ho asɛm wɔ December 8, 1996, Nyan! mu a ɛne “Komayare—Dɛn na Wubetumi Ayɛ?,” a na ɔkenkanee nkyɛe no ara pɛ.

“Me ne me duruyɛfo kasae wɔ telefon so, na ɔka kyerɛɛ me sɛ memfa koko a ɛhyehye aduru na menkɔda, na mimmehu no anɔpa. Nanso, ɛyaw no annyae. Afei meka kyerɛɛ Esther sɛ ɔmfa Nyan! no mmra mmɛkan ɔfã a wɔato din sɛ “Komayare Ho Nsɛnkyerɛnne” no. Ɔkenkan kyerɛɛ me no, mepenee so sɛ wɔmfa me nkɔ ayaresabea.

“Nhwehwɛmu a wɔyɛe ma ɛdaa adi sɛ na mereyɛ anya komayare, na wogyee me too ayaresabea hɔ. Nnanum a edii hɔ no, wɔmaa me nnuru ma meda gyee m’ahome. Koma ho duruyɛfo no kae sɛ me ti yɛ sɛ mihuu me komayare no ntɛm.

“Wɔ January 9, 1997 no, wɔde nnɔnhwerew nnan yɛɛ me koma mu oprehyɛn wɔ Sydney, Australia. Oduruyɛfo no kyerɛwtohɔ no kyerɛe sɛ, ‘Na komam mogya ntini kɛse mu yare no mu yɛ den yiye.’ Na tebea a me komam mogya ntini kɛse no aba mu no kyerɛ sɛ anka menya komayare a emu yɛ den wɔ asram kakraa bi mu, sɛ manhu nea ɛkyee me November 11 no a.

“Metumi aka no pen sɛ Nyan! na egyee me nkwa, efisɛ anka mɛka ɔkwan biara so sɛ ɛyɛ me koko na ɛrehyehye me yayaaya.”

Nyan! bɔ mmɔden sɛ ɛbɛbɔ nsɛm ahorow pii a ɛyɛ foforo ho amanneɛ wɔ ne bere mu. Sɛ wopɛ sɛ wo nsa ka nsɛmma nhoma yi bi daa a, ka kyerɛ Yehowa Adansefo bere foforo a wɔbɛba wo nkyɛn, anaasɛ kyerɛw address a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 5 no mu nea ɛfata.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena