Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 11/8 kr. 31-33
  • “Meda Adansefo no Ase Wɔ Memeneda Soronko Bi Ho”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Meda Adansefo no Ase Wɔ Memeneda Soronko Bi Ho”
  • Nyan!—1997
Nyan!—1997
g97 11/8 kr. 31-33

“Meda Adansefo no Ase Wɔ Memeneda Soronko Bi Ho”

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ NORWAY HƆ

Norway atesɛm krataa Telemark Arbeiderblad a ɛba da biara no sɛnkyerɛwfo, Eivind Blikstad, de nsɛm a ɛwɔ atifi ha yi na ɛyɛɛ n’asɛmti. Nea edi kan no, ɔkaa sɛnea nkratawa a wɔde hyehyɛ amenade mu de bɔ aguade ho dawuru, telefɔn so adetɔn, ne afie afie nsrahwɛ a wɔnhwɛ kwan—titiriw wɔ Memeneda anɔpa—no hyɛ no abufuw no ho asɛm. Afei ɔkyerɛwee sɛ:

“Mpofirim ara, wɔn anim ni. Wɔwɔ me pon ano. Yehowa Adansefo. Memeneda anɔpa. Na wokurakura wɔn Nyan! nsɛmma nhoma, Nɔma 17, September 8, 1996. [“Amerika Indiafo—Wɔn Daakye Ne Dɛn?”] Wobisaa me sɛ ebia m’ani begye ho sɛ mɛkenkan nsɛmma nhoma no anaa, esiane sɛ ekura nsɛm a wogye di sɛ m’ani begye ho nti. . . . Ansa na meyi me ho ano sɛ m’ani nnye ho no, wɔn mu biako de kaa ho sɛ: ‘Amerika Indiafo ho asɛm bi wom. Yenim sɛ ɛyɛ a wokyerɛw asɛm yi ho nsɛm pii.’

“Ɛhɔ ara na wonyaa me. Efisɛ sɛ obi hoahoa wo saa a, nea woabɔ wo tirim sɛ wobɛyɛ nyinaa tu yera. Bere a mesan kɔtraa ase sɛ meredi m’anɔpa aduan no, minyaa ɔpɛ a emu yɛ den sɛ mehu nea ɛwɔ mu. Nokwarem no, Yehowa Adansefo ne Amerika Indiafo daakye ho asɛm yɛ ade a enhyia papa. Mehyɛɛ m’ahwehwɛniwa na mifii ase kenkanee. Sɛnea wunim no, mamfa no aniberesɛm biara, na mekenkanee te sɛ nea sɛ wususuw sɛ biribi yɛ bere sɛe ara kwa a woyɛ w’ade no.

“Sɛ metwa asɛm no tiawa a, na ɛnyɛ sɛ Amerika Indiafo tebea ho asɛm a Adansefo no reka no ye nko—ná eye kyɛn so. Mehyɛ Norway sukuu akyerɛkyerɛfo nyansa sɛ wonyi adwemmɔne a wɔwɔ wɔ afoforo ho no mfi wɔn tirim. Wɔnkra nsɛmma nhoma no bi mma obiara a ɔwɔ wɔn adesuakuw ahorow mu! Nhwehwɛmu nhoma a wɔde dii dwuma no da nsow, na nkyerɛkyerɛ a ɛwom no mu da hɔ fann. Afei nso, wɔ nsɛm a Indiafo ne Adansefo no adwene nhyia mu no, ɛka nokware kosi ase. Asisisɛm biara nnim. Asɛnnennen biako a ɛwɔ Indiafo nsase pii so ne nea ɛfa kyakyatow adan a wosisi no ho. Eyi ma wonya adwuma a wohia no denneennen no yɛ, nanso abrabɔ ho nsɛm nso bata ho. Wɔde ahokokwaw di asɛmmisa no ho dwuma wɔ ɔkwan a ɛma ɔkenkanfo no hu sɛnea Indiani a obi yɛ wɔ yɛn afeha yi mu no te.”

Blikstad de ba awiei sɛ: “Bere a mekenkan wiei ma me ho tɔɔ me no, metoaa so kenkanee Nyan! no fã a aka no. Sɛ ntoso no, na asɛm bi a ɛka koma yiye a ɛfa asɔredan ahorow ne asɔre horow a wɔatotom wɔ nkorontu bon a ɛwɔ Rhondda, wɔ Wales ho no wom. . . .

“So m’adwene asesa koraa? Obi a onnye Nyankopɔn nni abegye Adansefo no atom a ɔnkasa ntia wɔn biribiara? . . . Ɛnyɛ nnɛ. Yehia sɛ bere nyinaa wɔkae yɛn hia a ehia sɛ yetutu adwemmɔne ase fi yɛn adwenem no ho. Bere foforo a mɛte sɛ wɔreka Adansefo no ho asɛm sɛ wɔka atosɛm no, anyɛ yiye koraa no, minim sɛ wɔanka Indiafo no ho atosɛm.”

Esiane sɛ na wɔhwehwɛ Nyan! a ɛbae a ɛfa Wɔn a Wofi Amerika ho pii nti, wɔsan tintim 37,000 wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma tintimbea horow a ɛwɔ New York no. Asafo biako a ɛwɔ Arizona bisae sɛ wɔmma wɔn 10,000 na wɔmfa nyɛ adwuma titiriw wɔ wɔn asasesin no mu nyinaa.

Sɛ wopɛ sɛ wode adwempa hwehwɛ Yehowa Adansefo dwumadi mu a, yɛsrɛ wo, fi wo pɛ mu kyerɛw wɔn a wotintim nsɛmma nhoma yi bere a wode address a ɛwɔ kratafa 5 a ɛbɛn wo paa no di dwuma no, anaasɛ hu wɔn wɔ Ahenni Asa a ɛbɛn wo no so. Wonnye hwee, wontua hwee. Mmuae a ɛtɔ asom kɛkɛ.

[Mfonini Ahorow Fibea wɔ kratafa 31]

Indiani anim: D. F. Barry Photograph, Thomas M. Heski Collection; Indiani a ɔresaw: Men: A Pictorial Archive from Nineteenth-Century Sources/Dover Publications, Inc.; ntamadan ahorow: Leslie’s; mfonini ahinanan: Decorative Art; mfonini kɔntɔnkrɔn: Authentic Indian Designs

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena