Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 7/8 kr. 32
  • Onyaa Ne Nsɛmmisa Nyinaa Ho Mmuae

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyaa Ne Nsɛmmisa Nyinaa Ho Mmuae
  • Nyan!—1997
Nyan!—1997
g97 7/8 kr. 32

Onyaa Ne Nsɛmmisa Nyinaa Ho Mmuae

Ɔbarima bi a Yehowa Adansefo kɔɔ ne nkyɛn wɔ India hui sɛ wɔn nkyerɛkyerɛ ne nea na wɔakyerɛ no wɔ asɔre no nhyia koraa. Ɔkaa eyi ho asɛm kyerɛɛ Yehowa Adansefo, na ɔkyerɛw wɔn baa dwumadibea a ɛwɔ India no kobisabisaa nsɛm mpo.

Afei, da koro ɔbarima no kyerɛw krataa bi a ne nnianim ne sɛ: “Me nuanom adɔfo a mowɔ Lonavla”—baabi a Adansefo no baa dwumadibea wɔ wɔ India. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Minyaa nsɛm a ɛkyere m’adwene ne me nsɛmmisa nyinaa ho mmuae prɛko pɛ wɔ May 8, 1995, Nyan! nsɛmma nhoma no mu wɔ asɛmti a ɛne sɛ ‘Woasusuw Ho Pɛn?’ no ase. Migye di koraa sɛ Yehowa Adansefo som na ɛyɛ nokware.”

Saa Nyan! mu asɛm no buaa nsɛmmisa bi te sɛ nea edidi so yi: “Nokware som bɛbɔ mmɔden de Onyankopɔn din a wada no adi asie anaasɛ ɛde foforo asi ananmu?” “Suban bɛn na ɛsɛ sɛ nokware som nkyerɛkyerɛ ma wɔda no adi?” “Ɔsom a ɛsɔ Onyankopɔn ani bɛma kwan ma wɔde wɔn ho ahyehyɛ akodi ne mmusua ntam awudi mu?”

Yɛwɔ ahotoso sɛ Nyan! betumi aboa wo nso wɔ Bible mu nokware a worehwehwɛ no mu. Sɛ wobɛpɛ sɛ wunya bi anaa obi ba wo fie ne wo bɛbɔ Bible mu nkɔmmɔ a, yɛsrɛ wo, kyerɛw Watch Tower, Box 760, Accra, Ghana, anaa address a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 5 no mu nea ɛfata.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena