Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 7/8 kr. 3
  • Aduan a Wudi—Ɛyɛ Asɛnhia

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Aduan a Wudi—Ɛyɛ Asɛnhia
  • Nyan!—1997
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛ Me So Tumi Tewee A, Obiara So Betumi Atew!
    Nyan!—1993
  • Aduan a Ɛma Akwahosan Pa a Wobɛpaw
    Nyan!—1997
  • Mɛyɛ Dɛn Adi Aduan Pa?
    Mmabun Bisa Sɛ
  • Bere a Kɛseyɛ Nyɛ Papa
    Nyan!—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1997
g97 7/8 kr. 3

Aduan a Wudi—Ɛyɛ Asɛnhia

BIBLE ka wɔ Ɔsɛnkafo 9:7 sɛ: “Kɔ na fa anigye kodi w’aduan.” Nokwarem no, adidi nyɛ ade a ehia ara kɛkɛ, na mmom ɛka nneɛma a ɛma asetra yɛ anigye no ho.

Susuw Thomas a wadi mfe 34 no ho hwɛ. Ɔpɛ mogyanam yiye. Na daa ɔwe bi—ɔtaa we no mpɛn pii da koro. Nnuan a ɔtaa di no anɔpa ne nufusu, nkesua pii, paanoo anaa paanoo a wɔatoto a wɔde bɔta ayɛ so, ne nam a wɔatwitwa no nketenkete de ahyɛ ade mu anaa prakonam a wɔatwitwa no anankum. Sɛ ɔkɔ mmeae a wɔyɛ nnuan gya-so-gya-so a, ɔtɔ nantwinam a wɔayam de kyiis afra, Ntɔmmɔ a wɔatwitwa akye, ne nufusu a wɔde nneɛma afra mu di. Sɛ ɔkɔ adidibea kodidi a, aduan a ɔpɛ ne nantwinam a wɔayɛ no ntraantraa akye. Wɔn a wɔwɔ adidibea a ɔtaa kɔ hɔ no de nantwinam a wɔayɛ no ntraantraa akye a emu duru yɛ gram 680 ne ntɔmmɔ a wɔatõ a wɔde anwa agu so na ebesi n’anim, sɛnea ɔpɛ no ara pɛ. Nea ɔtaa de popa n’anom ne chocolate keeki a wɔde chocolate ice cream agu so.

Thomas tenten yɛ sɛntimita 178 na ne mu duru yɛ kilogram 89; sɛnea 1995 U.S. aban aduan ho akwankyerɛ kyerɛ no, wayɛ kɛse aboro so kilogram 9. Thomas ka sɛ: “Me kɛse a mayɛ no nhaw me. Mewɔ akwahosan pa. Mayɛ adwuma mfe 12 a mentoo mu da. Mpɛn pii no, mete nka sɛ me ho ye na mewɔ ahoɔden—gye sɛ ebia mawe nantwi a wɔayɛ no ntraantraa a emu duru yɛ gram 680.”

So ebetumi aba sɛ Thomas aduan no repira no nkakrankakra a ɛbɛma wanya komayare daakye? Wɔ ne nhoma How We Die mu no, Oduruyɛfo Sherwin Nuland ka ‘akwan a wɔfa so tra ase a edi awu’ ho asɛm na ɔde ‘mogyanam, prakonam anankum akɛse ne bɔta’ a wodi ka ho.

Ɔkwan bɛn so na nnuan bi ma nnipa pii nya komayare? Dɛn na ɛwom a ɛde asiane ba? Ansa na yebesusuw nsɛmmisa yi ho no, momma yɛntɔ yɛn bo ase nhwɛ akwahosan mu asiane horow a ɛwɔ kɛseyɛ mmoroso mu.

[Kratafa 3 mfonini]

Dɛn nti na aduan a ɛte saa yɛ asɛnhia?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena