Nyansa a Ɛwɔ Aguamammɔ a Wɔkwati ne Ɔhokafo Biako Pɛ Aware Mu
ƐDE besi nnɛ no, nnipa bɛyɛ ɔpepem 30 anya AIDS yare mmoawa no bi, na wɔn mu bɛboro ɔpepem 6 awuwu. Da biara wohu sɛ nnipa foforo bɛyɛ 8,500 anya mmoawa no bi—wɔn mu 1,400 yɛ mmofra a mpɛn pii no wowuwu wɔ wɔn asetra mu mfe a edi kan no mu. Nea wɔfrɛ no nna a asiane nnim ho dawurubɔ ama ɔmanfo adwene aba wɔn ho so, nanso ebinom susuw sɛ eyi nnɔɔso. Oduruyɛfo Steven J. Sainsbury kyerɛw wɔ The Tampa Tribune mu sɛ: “AIDS yɛ yare a ekunkum nnipa, na ɛsɛ sɛ nhyehyɛe biara a wɔyɛ de siw ne trɛw ano no yɛ nea edi mu koraa.”
Oduruyɛfo Sainsbury kaa kɔndɔm a wɔde siw AIDS ano ho asɛm sɛ: “Susuw ho wɔ saa kwan yi so. Fa no sɛ biribi a wonnim nti kar pii fi ase hyew ntɛm so bere biara a obi tu no. Afirikafo rehyew wɔ ɔman no mu nyinaa. Awiei koraa no aban no de ano aduru ma. Wɔka sɛ, fa aduru yi fra pɛtrol no mu kɛkɛ na kar hyew no so bɛtew ɔha biara mu nkyekyem 90. So wubesusuw sɛ wɔanya ɔhaw no ano aduru? Wobɛkɔ so aka wo kar? Minnye nni. Ɛnde, dɛn nti na yegye kɔndɔm tom sɛ AIDS ano aduru?”
Esiane sɛ Oduruyɛfo Sainsbury nim sɛ mpɛn pii no ɔbarima ne ɔbea nna na ɛde AIDS ba nti, ɔde ano aduru ma: “Ɛsɛ sɛ obi kwati nna kosi sɛ obesiesie ne ho sɛ ɔbɛware obi a onni ɔyare no bi. Nsɛmfua a ɛho hia ne kwati na ware biako pɛ.”
Bible no hyɛ sɛ asigyafo ntwe wɔn ho mfi nna ho na awarefo nware biako pɛ. Bible no gyinapɛn ahorow a ɛkorɔn no bara aguamammɔ, awaresɛe ne wɔn a wɔwɔ bɔbeasu koro nna. (Mateo 19:4-6; 1 Korintofo 6:9, 10; 7:8, 9) Ɛwom sɛ pii kasa tia gyinapɛn yi ka sɛ atwam anaasɛ ɛyɛ atetede de, nanso Bible abrabɔ ho mmara no ama wɔanya adwenem akwahosan ne asomdwoe.—Yesaia 48:17.