Ɔkwan a Wɔfa So ne Aguanfo Di
WƆ MMARA a Yehowa Nyankopɔn de maa Israelfo no mu no, ɔkaee Israelfo no tebea a na wɔwom sɛ aguanfo wɔ Misraim no. (Exodus 22:21; 23:9; Deuteronomium 10:19) Enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnhwɛ ahɔho a wɔwɔ wɔn mu no ayamye mu, te sɛ anuanom pɛpɛɛpɛ.
Onyankopɔn Mmara kae sɛ: “Sɛ ɔhɔho bi [a mpɛn pii no, na ɔyɛ oguanfo] bɛsoɛ mo asase so a, monnhyɛ no so. Ɔhɔho a wabɛtra mo mu nyɛ mo sɛ mo kuroni bi, na dɔ no sɛ wo ho, efisɛ moyɛɛ Misraim asase so ahɔho.”—Leviticus 19:33, 34.
Esiane sɛ na Yehowa nim sɛ ahɔho no yɛ nkurɔfo a wobetumi ahaw wɔn bere biara na wonni ahobammɔ nti, ɔhyɛɛ mmara pɔtee bi maa wɔn yiyedi ne wɔn ahobammɔ. Susuw hokwan ahorow a edidi so a ɔde maa wɔn yi ho.
HOKWAN A WƆWƆ SƐ WOBEBU WƆN ATƐMPA: “Atemmu koro nna hɔ mma mo: ɔhɔho nyɛ sɛ okuroni.” ‘Nkyea ɔhɔho atɛn.’—Leviticus 24:22; Deuteronomium 24:17.
HOKWAN A WƆWƆ SƐ WONYA NTOTOSO DU DU MU KYƐFA: “Mfe abiɛsa awiei no, yi w’afe no mu nnɔbae so ntotoso du du gugu wo nkurow apon mu, na Lewini—efisɛ onni kyɛfa ne agyapade biara sɛnea wo de wowɔ—ne ɔhɔho ne ayisaa ne okunafo a wɔwɔ wo kurow apon mu mmra mmedi mmee.”—Deuteronomium 14:28, 29.
HOKWAN A WƆWƆ SƐ WOBEGYE AKATUA PA: “Nhyɛ ɔpaani, ɔbrɛfo ne ohiani a ofi wo nuanom anaa ahɔho a wɔwɔ w’asase so, wo nkurow mu no mu so.”—Deuteronomium 24:14.
HOKWAN A NIPAKUMFO A WƆANHYƐ DA WƆ SƐ ƆHWEHWƐ GUANKƆBEA: “Ɛnyɛ guankɔbea nkurow, na nkurow asia yi nyɛ guankɔbea mma Israelfo ne ɔhɔho ne ɔmamfrani a ɔte wɔn mu, na obiara a ne nsa apa onipa bi ho no aguan akɔ hɔ.”—Numeri 35:15.
HOKWAN A WƆWƆ SƐ WODI MPƐPƐW: “Sɛ mutwa mo asase so nnɔbae a, nwie wo nhanoa de twa, na nni w’afumde no mu mpɛpɛw; na wo bobe turo nso, nni mu mpɛpɛw, na wo turo mu aba a egugu fam no, ntase; gyaw ma ohiani ne ɔhɔho: Mene Awurade mo Nyankopɔn.”—Leviticus 19:9, 10.
Nokwarem no, yɛn Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn, hu aguanfo mmɔbɔ, na sɛ yɛn nso yɛyɛ saa a, n’ani begye. Kristoni somafo Paulo kyerɛwee sɛ: ‘Munsua Onyankopɔn, na monnantew ɔdɔ mu.’—Efesofo 5:1, 2.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 23]
Abarimaa a ɔwɔ benkum so no: UN MFONINI 159243/J. Isaac