Woahu Owiatɔe Hann a Ne Su Yɛ Ahabamono Pɛn?
HWƐ anigye ara a ɛyɛ sɛ wubehu sɛ da foforo retwam denam owiatɔe a ɛyɛ fɛ a wohwɛ no so! Bere a hann ba no, owia a ɛyɛ hyew a ɛhyerɛn no ma kɔla a egu ahorow a ɛyɛ fɛ ba. Nea esi ade titiriw yi so dua ne adeyɛ bi a ɛyɛ nwonwa a ɛntaa nsi a wɔfrɛ no owiatɔe hann a ne su yɛ ahabamono no. Wɔ tebea horow a eye mu no, hann a ne su yɛ ahabamono yi pue owiatɔe bere a etwa to koraa no mu. Wɔka sɛ biribi a ɛntaa nsi koraa a wɔfrɛ no owiatɔe hann a ne su yɛ bruu no yɛ fɛ sen ɛno mpo.
Dɛn na ɛma hann a egu ahorow a ɛyɛ fɛ yi ba? Dɛn nti na ɛba bere tiaa bi? Na dɛn nti na ɛho yɛ na saa? Sɛ yebebua nsɛmmisa yi a, ɛsɛ sɛ nea edi kan no yɛte nea ɛkɔ so wɔ owia hann ne nneɛma a atwa asase ho ahyia ntam no ase.
Owia hann a efi wim ba asase so no kura nyankontɔn kɔla nyinaa bi. Sɛ hann yi fa nneɛma a atwa asase ho ahyia mu a, ɛbɛyɛ sɛ ahwehwɛbo kɛse bi a ɛma hann no trɛw anaa etu pete. Baabi a hann bi trɛw kodu no gyina anoden so.
Hann a ne su yɛ bruu ano nyɛ den pii, na etu pete ahunmu nyinaa. Ɛno nti na sɛ edu owigyinae a wim yɛ bruu no. Nanso bere a owia no abɛn n’atɔe—te sɛ bere a owia retɔ no—ɛsɛ sɛ owia hann no twa kwan tenten wɔ ahunmu ansa na yɛahu. Nea efi mu ba ne sɛ, yenhu hann a ne su yɛ bruu a atu apete wim kɛse no. Nanso, ɛnyɛ den sɛ hann a ano yɛ den, te sɛ nea ne su yɛ kɔkɔɔ no, bɛfa ahunmu a ayɛ kusuu no mu. Eyi na ɛma owiatɔe no nya ne kɔla a ɛyɛ kɔkɔɔ anaa akokɔsrade sɛnea yɛtaa hu no no.a
Nanso wɔ tebea horow bi mu no, wobetumi ahu hann a ne su yɛ ahabamono anaa ɛyɛ bruu no wɔ owiatɔe. Ɛyɛ dɛn na eyinom ba? Bere a owia no atikɔ dɔm wɔ n’atɔe no, owia hann no tu pete wim na emu kyekyɛ te sɛ nyankontɔn. Hann a ne su yɛ kɔkɔɔ no pue wɔ hann a emu akyekyɛ no ase na hann a ne su yɛ bruu no pue wɔ soro. Bere a owia no kɔ so ba fam no, hann a emu akyekyɛ no fã a ɛyɛ kɔkɔɔ no dum wɔ owia no atɔe, na ahunmu no taa ma ɔfã a ɛyɛ bruu no tu pete. Ɛyɛ saa bere yi na hann a etwa to koraa a wohu no tumi hyerɛn sɛ ahabamono. Nanso dɛn nti na ɛyɛ sɛ ahabamono? Efisɛ ahabamono ne hann kɔla atitiriw no biako a aka.
Wɔntaa nhu hann a ne su yɛ ahabamono no bere a nneɛma fĩ pii wɔ wim no, na bere a wim atew yiye na hann a ne su yɛ bruu a ne dodow fata ma ɛhyerɛn yiye no nkutoo na hann a ɛyɛ bruu no pue.
[Ase hɔ asɛm]
a Sɛ wopɛ nsɛm foforo a ɛfa owiatɔe ho a, hwɛ Engiresi Nyan!, December 8, 1987, kratafa 16.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 20]
Owiatɔe: ©Pekka Parviainen/SPL/Photo Researchers