“Meda Mo Ase Sɛ Moaboa Me Ma Masua Yehowa Ho Ade!”
Eyi yɛ nsɛm a efi komam a ababaa bi a wadi mfe 16 a ofi Florida, U.S.A. kae. Bere a ɔkenkan nhoma ahorow a Yehowa Adansefo atintim wiei no, ɔkyerɛwee sɛ:
“Mintumi nkae ne din, nanso mekenkan nhoma bi a ɛfa Yesu asetra ho a migye di sɛ mo na motintimii. Ansa na merekenkan saa nhoma no, na misusuw sɛ minim biribiara a ɛho hia sɛ mihu. Migye Onyankopɔn ne Yesu di, mebɔ mpae ansa na madidi anwummere ne anadwo nso, na mebɔ bra pa. Nanso mekenkan saa nhoma no wiei no, mihui sɛ minnim ahe biara koraa, na ehia sɛ mekɔ so kenkan na misua Yehowa Nyankopɔn ne Yesu ne afoforo a wɔwɔ Bible mu no ho ade.
“Meresesa m’akwan ahorow no bi nkakrankakra sɛnea ɛbɛyɛ a mɛyɛ Onyankopɔn somfo pa. Sɛ ɛnyɛ Ɔwɛn Aban Asafo no a, anka meda so ara nnim Onyankopɔn ne nsɛm a ɛwɔ Bible mu no. Meda mo ase sɛ moaboa me ma masua Yehowa ho ade!”
Nhoma a abeawa no reka ho asɛm no din ne Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn. Wɔabɔ mmɔden sɛ wɔde Yesu asetra mu nsɛm biara a wɔaka ho asɛm wɔ Nsɛmpa anan no mu no bɛma wɔ mu. Sɛ wopɛ sɛ wunya bi anaa wopɛ ofie Bible adesua a wonnye hwee a, yɛsrɛ wo, kyerɛw Watch Tower, Box 760, Accra, Ghana, anaa address a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 5 no mu nea ɛfata.