‘Nkokoaa Anom’
Ɔbea bi a ofi Ballito, Natal, South Africa, kyerɛɛ anisɔ kɛse wɔ Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm nhoma no ho na ɔkyerɛwee sɛ:
“Me nua ba bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Rudi Naidoo a wadi afe biako ne fã pɛ, na ɔbobɔ nnipa a wɔn mfonini wɔ nhoma no mu no dodow no ara din bere a ohu wɔn mfonini kɛkɛ no. Ɔka nea Bible mu nnipa bi reyɛ wɔ mfonini no mu no mpo kyerɛ wo. Sɛ nhwɛso no, asɛm a ɛto so 11 no kyerɛ Noa a ɔrebɔ afɔre. Rudi ka kyerɛ yɛn sɛ, ‘Noa—ɔrebɔ Yehowa mpae.’
“Bere a yebisa Rudi nea Yosua reyɛ wɔ asɛm a ɛto so 49 mu no, ogyina hɔ te sɛ Yosua a ɔwɔ mfonini no mu no na ɔka sɛ, ‘Owia, gyina!’ Ontumi mmobɔ nsɛmfua no din yiye nanso ɔka wɔ n’ankasa kasa a ɛyɛ serew ne anika no mu.
“Bio nso, mepɛ sɛ meda mo ase wɔ saa nhoma a eye kyɛn so yi ho. Mmofra nkumaa tumi ka nsɛm a mpanyimfo binom nnim. Yesu nsɛm a ɛwɔ Mateo 21:16 no yɛ nokware ampa: ‘Nkokoaa ne wɔn a wonum nufu anom na woasiesie ayeyi.’”
Sɛ wobɛpɛ sɛ wo nsa ka Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm anaasɛ obi ba wo fie ne wo susuw bo a Bible adesua som ho a, yɛsrɛ wo kyerɛw kɔma Watch Tower, Box 760, Accra, Ghana, anaa address a ɛbɛn wo a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 5 no.