Mpae a Wɔbɔ De Pɛ Asomdwoe Wɔ Bere a Wɔkae Ɔko Mu
WƆ November 1994 mu no, Pope John Paul II yɛɛ nyamesom ahorow nkabom nhyiam bi wɔ Vatican. Nhyiam no ase ade titiriw ne wiase asomdwoe ho mpaebɔ. Wɔ pope no nnianim kasa no mu no, ɔkae sɛ: “Ɛmfa ho sɛnea ɔko a atwam no ne nea ɛrekɔ so nnɛ mpo te no, ɛyɛ yɛn nyinaa asɛyɛde ne adwuma sɛ yɛma wohu abusuabɔ a ɛda asomdwoe ne nyamesom mu no yiye.”
Nea ɛne no bɔ abira koraa no, wiase yi mu nyamesom ahorow agye din bɔne wɔ eyi mu. Nhyiam no kyerɛwfo panyin, William Vendley, gye toom sɛ “nyamesom ahorow no de wɔn ho ahyɛ akodi mu fee wɔ wiase mmeae horow pii.” Susuw nnipakum a ɛkɔɔ so wɔ Rwanda, asase a Roman Katolekfo na wɔdɔɔso wɔ so no ho.
Wɔ May 1994 mu no, Pope John Paul II gye toom sɛ Rwanda asiane no yɛ “okunkɛse ankasa, na awerɛhowsɛm ne sɛ, Katolekfo mpo ka ho bi na aba saa.” So Katolekfo ho a wɔde hyeem no aka nkurɔfo gyidi wɔ asɔre no mu? Jesuitni bi a ofi Belgium, André Bouillot kae sɛ: “Nnipakum no awosow nnipa pii gyidi.” Na ntease wom nso.
Sɛnea Reuters amanneɛbɔ a wotintim wɔ Miami Herald mu kyerɛ no, asɔfo ne nkokorafo ka Hutufo 40,000 a wɔretwɛn ma wɔadi wɔn asɛm wɔ mmusua a wɔtɔree wɔn ase ho no ho.” The New York Times bɔɔ amanneɛ sɛ: “Rwandafo pii ka sɛ wɔn asɔfo mpanyin ne asɔfopɔn no ankasa antia nnipakum no ntɛm anaa denneenen sɛnea ɛsɛ biara ne sɛ na wɔne Habyarimana Aban no bɔ dodo, na ɛno boae ma wɔtetee awudifo akuw no. Anyɛ yiye koraa no, Aban foforo a Tutsifo na wɔdɔɔso wom no akyere ɔsɔfo biako wɔ sobo ahorow a ɛne sɛ ɔboae wɔ nnipakum no mu ho.” Times no de ka ho sɛ, “ɛnyɛ nwonwa sɛ Aban foforo no ka sɛ ɔmpɛ sɛ Katolek Asɔre no nya tumi sɛ kan no bio, na asraafo ahaw asɔfo a wɔn ano yɛ den dodow na wɔatew wɔn ho no ahunahuna wɔn mpo sɛ wɔbɛkyere wɔn.”
Yehowa Nyankopɔn bu asomdwoe ho mpae a nyamesomfo a wodi mogya ho fɔ bɔ no dɛn? Yesaia 1:15 bua sɛ: “Na sɛ motrɛw no nsam a, meyi m’ani mahintaw mo; nso sɛ moma mpaebɔ dɔɔso a, me de, merentie: mogya ayɛ mo nsa mama.”
Saa bere yi nyinaa mu no, Yehowa nokware asomfo da so ara “nyɛ wiase no” ne n’akodi ahorow no “fã.” Bere a na nnipakum no rekɔ so wɔ Rwanda no, Yehowa Adansefo a wɔwɔ abusua biara mu maa Adansefo a na wɔn nkwa da asiane mu no guankɔbea wɔ wɔn afie mu, ma enti wɔde wɔn ankasa nkwa too asiane mu de bɔɔ wɔn nuanom ho ban. Adansefo a wɔyɛ “nnipa kuw kɛse” a wɔayi wɔn afi abusua biara mu wɔ wiase nyinaa no bɔ Onyankopɔn Ahenni no ho mpae na wɔkamfo kyerɛ sɛ asomdwoe ne ahobammɔ ho anidaso koro pɛ.—Yohane 17:14; Adiyisɛm 7:9; Mateo 6:9, 10; 24:14.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 29]
Luc Delahaye/Sipa Press