Nnipa Pii Di Hia Buruburoo Kosi Owu Mu!
YATI gyaw ne sẽsẽ a ɛwɔ Asia kesee fam apuei asase bi so hɔ kɔ adwumayɛbea bi kɔpempam aboa nhoma nketenkete ne hama a wɔde yɛ mpaboa. Ná sika a ogye no ɔsram biako—nnɔnhwerew 40 dapɛn biara ne nnɔnhwerew 90 a ɔde yɛ adwuma akyi adwuma—nnu $80. Mpaboayɛ adwumayɛkuw a afa no adwuma mu no hoahoa ne ho sɛ ɛyɛ adwumayɛkuw a efi ahonim mu ma hokwan a nnipa wɔ nya nkɔso wɔ nsase a wonnyaa nkɔso so. Wɔ Atɔe Fam wiase no mu no, saa adwumayɛkuw yi de mpaboa biako gye boro $60. Ebia emu $1.40 na wɔde tua ka.
Boston Globe amanneɛbɔ bi ka sɛ: “Sɛ Yati fi adwumayɛbea a wɔasiesie hɔ na anyinam nkanea wɔ hɔ no mu ba fie a, esiane sɛ sika a onya no sua nti, ɔsẽsẽ a emu kɛse yɛ mita 3 ɔfa biako ne mita 3.6 ɔfa foforo, a emu ayɛ fĩ na hwinamenhwean wom na otumi tua ho ka. Ɔdan mu nneɛma nnim, enti Yati ne ne dan mufo baanu pono wɔn mu da fam a wɔde ntwoma akwaw hɔ no.” Afoforo tebea te sɛ ne de no ara.
Aguadikuw panyin bi asɛm ne sɛ: “Mewɔ hɔ a na eye ma wɔn anaa minni hɔ a na eye ma wɔn? Akatua kakra a wogye no ma wotumi nya asetra pa. Ɛwom sɛ wonni ntaa mu de, nanso wommua nna.” Nanso, mpɛn pii no, wonnya aduan pa nni, na wɔn mma taa de kɔm da. Wohyia asiane a ɛwɔ nnwumayɛbea a ɛhɔ yɛ hu da biara. Na awuduru ne wura a edi awu ho dwumadi de nkakrankakra rekunkum nnipa pii. Eyi yɛ “asetra pa”?
Hari, a odi paa wɔ Asia kesee fam afuw bi mu, huu nneɛma wɔ ɔkwan soronko so. Ɔde nsɛm ne anwensɛm dɛdɛ kyerɛkyerɛɛ nkwa ne owu tebea bɔne a atwa ne ho ahyia no mu. Ɔkae sɛ: “Sɛ mako da waduru mu na wɔma si so a, enni gyina. Yɛn a yedi hia no te sɛ mako—wosiw yɛn afe biara, na ntɛm ara, yɛyera.” Hari annya saa “asetra pa” no, saa ara na wanni antaa mu kakraa bi mpo te sɛ nea n’adwumawuranom di no. Nna kakraa bi akyi no, Hari wui—onipa foforo a ohia buruburoo dii no awu.
Nnipa pii tra ase wuwu te sɛ Hari. Wɔkɔ ahohia mu, na esiane sɛ wɔkɛntɛn wɔn so nti, wonnya ahoɔden a wɔde bɛko atia. Henanom na wɔyɛ wɔn saa? Nnipa bɛn na wɔbɛyɛ saa? Wɔyɛ wɔn ho adɛɛfoɔ. Wɔka sɛ wɔpɛ sɛ wɔma wo ba aduan, wɔboa ma wo nnɔbae nyin, wɔma w’asetra tu mpɔn, na wɔma wo di yiye. Nokwarem no, wɔn botae ne sɛ wɔn ankasa bɛyɛ yiye. Nneɛma wɔ hɔ a wobetumi atɔn, mfaso wɔ hɔ a wobetumi anya. Sɛ nea efi wɔn adifudepɛ mu ba no mma mmofra nnya aduan pa nni, edi adwumayɛfo awu, na ɛsɛe nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a, ɛmfa wɔn ho. Ɛyɛ biribi a adifudepɛ nti ɛnhaw nnwumayɛkuw no sɛ wɔbɛyɛ. Enti dodow a wonya mfaso kɛse no, dodow no ara na nnipa a wodi wɔn awu yayaaya no dɔɔso.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 11]
U.N. Mfonini 156200/John Isaac