Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 9/8 kr. 32
  • “Mantumi Ankora Me Nusu So”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Mantumi Ankora Me Nusu So”
  • Nyan!—1995
Nyan!—1995
g95 9/8 kr. 32

“Mantumi Ankora Me Nusu So”

“Asram kakraa bi ni na mekenkanee Bere a Obi a Wodɔ No Awu nhomawa no wiei, na mantumi ankora me nusu so.” Dɛn nti na saa nhomawa yi kaa Alicia, Mexiconi bea, no saa? Obua sɛ: “Emu nkyerɛkyerɛmu ne osuahu ahorow no da nkate a minyae bere a me papa wui mfe akron a atwam ni ne bere a mepɔn yafunu asram 18 a atwam ni no adi.”

Dɛn titiriw na ɛboaa no wɔ ne yawdi no mu? Adaka a n’asɛmti ne “Yafunu a Wɔpɔn ne Mmofra a Wowu Ansa na Wɔawo Wɔn—Mmaatan Di Awerɛhow” ne afã horow yi, “Mɛyɛ Dɛn Agyina M’awerɛhow no Ano?” ne “Afoforo Bɛyɛ Dɛn Aboa?”

Alicia kyerɛwee nso sɛ: “Ná Lasaro wusɔre no ho kyerɛwtohɔ no ka koma, na ɛsan hyɛ owusɔre ho gyidi a mewɔ no mu den wɔ ɔkwan a etu mpɔn so.”—Yohane 5:28, 29.

Sɛ wopɛ sɛ wo nsa ka saa nhomawa yi a ekura nkratafa 32 a ɛhyɛ nkuran yi bi a, yɛsrɛ wo kyerɛw Yehowa Adansefo fa Watch Tower, Box 760, Accra, Ghana, anaa address a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 5 no mu nea ɛfata so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena