Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 7/8 kr. 32
  • Ɔkyerɛkyerɛfo no Ani Gyee Ho

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔkyerɛkyerɛfo no Ani Gyee Ho
  • Nyan!—1995
Nyan!—1995
g95 7/8 kr. 32

Ɔkyerɛkyerɛfo no Ani Gyee Ho

ABARIMAA bi a ofi Michigan, U.S.A. kyerɛwee sɛ: “Afe a etwaa mu no, me sukuu afe a ɛto so du Borɔfo kasa sua mu no, yɛde nna kakra suaa ɔsom ahorow pii a ɛwɔ wiase no ho ade.” Abarimaa no de Mankind’s Search for God nhoma no bi baa sukuu. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ:

“Ná me de misusuw sɛ me kyerɛkyerɛfo no ankasa na n’ani begye ho. M’ani gyei sɛ mihui sɛ ɔrekenkan nhoma no bere a na sukuufo no reyɛ adwuma no. Nanso, wubetumi ayɛ sɛnea me ho dwiriw me no ho mfonini wɔ w’adwenem, bere a ansa na saa adesua bere no reba awiei no me kyerɛkyerɛfo no maa sukuufo no gyaee nea wɔreyɛ na ɔkenkan ti a edi kan no den kyerɛɛ yɛn no. Ɔmaa yɛkyerɛw ho nsɛntitiriw bi mpo.

“Nna kakraa bi akyi no, ɔde nhoma no kyerɛɛ ade bio, na ɔkae sɛ sukuufo no nsan nkyerɛw ɔsom ho asɛm bio, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wobetumi de Mankind’s Search for God nhoma no ayɛ saa. Wɔde nhoma no dii dwuma dɔnhwerew no nyinaa mu.”

Sɛ wobɛpɛ sɛ wunya Mankind’s Search for God nhoma no bi anaasɛ wopɛ sɛ obi ba wo fie ne wo bɛbɔ saa asɛm yi ho nkɔmmɔ a, yɛsrɛ wo, kyerɛw Watch Tower, Box 760, Accra, Ghana, anaa address a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 5 no mu nea ɛfata.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena