Nnipakuw a Wodi Yiye a Wɔbɛhyehyɛ
NEW AFRICAN nsɛmma nhoma samufo abadiakyiri no kyerɛwee nnansa yi sɛ: “Kɔ Afrika man biara so nnɛ, na wubehu sɛ abirɛmpɔn kuw ketewaa bi na wodi yiye bere a mpapahwekwa redi hia buruburoo. . . . Yɛbɛyɛ dɛn atumi akwati ohia yi? Ano aduru a ɛnyɛ den koraa ne sɛ: yebeyi abirɛmpɔn no afi hɔ na yɛakyɛ ahonyade no. Nokwarem no, eyi renyɛ yiye. Nea edi kan no, yenni nneɛma pii a yɛbɛkyɛ ama obiara anya bi. Nea ɛto so abien no, sɛ yeyi abirɛmpɔn no fi hɔ a afoforo bɛba abesi wɔn ananmu ntɛm ara. Nea ɛto so abiɛsa no, nea sohyialism amammui ama [wɔatumi] ayɛ ara ne sɛ wɔama obiara di hia.
“Ano aduru biako pɛ a ɛma nkɔso a atumi ayɛ adwuma wɔ aman nyinaa mu bere nyinaa ne: ankorankoro a wɔma wonya nkɔso. Nnipa na wɔhyehyɛ mmusua. Ɛda adi sɛ nnipa a wɔn nhomasua kɔ anim yiye, wɔwɔ ahoɔden, wɔwɔ adwempa na wotumi de wɔn adwene yɛ nneɛma bɛhyehyɛ mmusua a wodi yiye.”
Sɛ na samufo abadiakyiri no pɛ nhwɛso a, anka obenya bi wɔ Yehowa Adansefo mu. Nokwarem no, wɔ Afrika ne wiase nyinaa no, Adansefo no reyɛ adwuma de aboa nkurɔfo ma wɔabɛyɛ wɔn a wɔasua ade, nnipakuw a wɔwɔ ahoɔden. Wɔkyerɛ mpanyimfo a wonsuaa nhoma akenkan ne akyerɛw de ka nneɛma afoforo ho. Wɔnam wɔn nhoma ahorow so de nkyerɛkyerɛ ma wɔ ahotew, akwahosan sohwɛ, ne mmusua ntam abusuabɔ ho. Wɔ wɔn nhyiam ahorow ase ne ankorankoro fam no, Adansefo no hyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran ma wɔde Bible afotu a ɛfa nokwaredi, adwumadenyɛ, ne abasow ho no di dwuma.
Nea afi mu aba ne abusua a ɛwɔ ahoɔden a wɔn dodow reyɛ adu ɔpepem anum wɔ wiase nyinaa. Nanso Adansefo no nnye eyi ho anuonyam. Wɔka sɛ Onyankopɔn teasefo no a ɔka nea edi so yi na ɔma wodi yiye wɔ honhom mu: “Me [Yehowa], wo Nyankopɔn, mene nea ɔkyerɛ wo nea eye ma wo, na ogya wo kɔ ɔkwan a fa so no so.”—Yesaia 48:17.
Sɛ wopɛ Bible no ne n’afotu pa no ho nsɛm pii a, yɛsrɛ wo sɛ hu Yehowa Adansefo wɔ Ahenni Asa a ɛwɔ wo mpɔtam hɔ no so, anaa kyerɛw kɔma address a ɛbɛn wo a wɔakyerɛw wɔ kratafa 5 no.