Ɛda a Ɛnsɛ sɛ Wo Werɛ Fi
Anwummere ansa na Yesu rewu no, ɔne n’asomafo no dii abodoo a mmɔkaw nnim, nom bobesa kuruwa biako, na ɔkae sɛ: “Monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae.”—Luka 22:19.
Afe yi afahyɛ no si Fida, April 14, bere a owia akɔtɔ. Esiane Yesu ahyɛde no nti, Yehowa Adansefo ɔpepem pii ne anigyefo a wɔwɔ wiase nyinaa behyiam saa anadwo titiriw yi adi Nkae no bio wɔ kwan a Yesu kyerɛe sɛ wɔnyɛ no no so. Yefi ɔdɔ mu to nsa frɛ wo sɛ wo ne yɛn mmehyiam. Yɛsrɛ wo, bisa Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ ma wɔnkyerɛ wo bere ne beae pɔtee a wobehyia no.